Dwom 6
Dawid dwom. 
 1 Ao, Awurade  nka mʼanim wɔ wʼabofuo mu, 
na ntwe mʼaso nso wɔ wʼabufuhyeɛ mu. 
 2 Hu me mmɔbɔ, Awurade , ɛfiri sɛ meyɛ mmrɛ; 
Ao Awurade  sa me yadeɛ 
na me nnompe wɔ ahoyera mu. 
 3 Me kra wɔ ahohia mu. 
Ɛnkɔsi da bɛn, Ao Awurade , ɛnkɔsi da bɛn? 
 4 Sane bra, Ao Awurade , na bɛgye me nkwa; 
gye me, wo dɔ a ɛnni hwammɔ no enti. 
 5 Obi a wawuo no renkae wo da, 
hwan na ɔfiri damena mu kamfo woɔ? 
 6 Apinisie ama mayɛ mmerɛ. 
Anadwo mu nyinaa mede agyaadwotwa fɔ me mpa 
na me nisuo fɔ me sumiiɛ. 
 7 Awerɛhoɔ ama mʼani so ayɛ me kusuu. 
Ɛredum mʼatamfoɔ nyinaa enti. 
 8 Mo nnebɔneyɛfoɔ, montwe mo ho mfiri me ho, 
ɛfiri sɛ Awurade  ate me sufrɛ. 
 9 Awurade  ate me mmɔborɔ su; 
 10 Mʼatamfoɔ nyinaa anim bɛgu ase 
na wɔn ho adwiri wɔn; 
Languages