Dwom 3
Dawid dwom a ɔtoeɛ ɛberɛ a ɔredwane afiri ne babarima Absalom anim. 
 1 Ao Awurade , hwɛ sɛdeɛ mʼatamfoɔ dɔɔso fa! 
Dodoɔ no ara na wɔsɔre tia me! 
 2 Bebree no ara ka fa me ho sɛ, 
“Onyankopɔn rennye no”. 
 3 Nanso, Ao Awurade , woyɛ akokyɛm a atwa me ho ahyia 
wohyɛ me animuonyam na wopagya me ti. 
 4 Meteam su frɛ Awurade , 
na ɔgye me so firi ne bepɔ kronkron no so. 
 5 Metɔ hɔ na meda a, 
menyane bio, ɛfiri sɛ Awurade  kora me so. 
 6 Merensuro atamfoɔ mpem mpem a 
wɔatwa me ho ahyia no. 
 7 Sɔre, Ao Awurade ! 
Gye me, Ao me Onyankopɔn! 
Bobɔ mʼatamfoɔ nyinaa apantan; 
na tutu amumuyɛfoɔ se. 
 8 Awurade  hɔ na ɔgyeɛ firi ba. 
Ma wo nhyira mmra wo nkurɔfoɔ so. 
 Languages
Languages