Dwom 121
Ɔsoroforɔ dwom. 
 1 Mema mʼani so kyerɛ mmepɔ no, 
ɛhe na me mmoa firi bɛba? 
 2 Me mmoa firi Awurade , 
ɔsoro ne asase yɛfoɔ no. 
 3 Ɔremma wo nan nwatiri, 
deɛ ɔhwɛ wo no, ɔrentɔ nko. 
 4 Ampa ara deɛ ɔhwɛ Israel no 
rentɔ nko na ɔrenna. 
 5 Awurade  hwɛ wo so; 
 6 Owia renhye wo wɔ awiaberɛ mu, 
na ɔsrane nso renha wo anadwo. 
 7 Awurade  bɛbɔ wo ho ban afiri ɔhaw nyinaa ho, 
ɔbɛhwɛ wo nkwa so; 
 8 Awurade  bɛhwɛ wʼadifire ne wo efieba so, 
 Languages
Languages