Dwom 111
 1 Monkamfo Awurade ! 
Mɛfiri mʼakoma nyinaa mu ama Awurade  so 
wɔ ateneneefoɔ adwabɔ ne asafo no mu. 
 2 Awurade  nnwuma yɛ kɛseɛ; 
wɔn a wɔn ani gye ho nyinaa susu ho. 
 3 Ne nnwuma yɛ tumi ne animuonyam, 
na ne tenenee wɔ hɔ daa. 
 4 Ɔma yɛkae nʼanwanwadeɛ; 
 5 Ɔma wɔn a wosuro no no aduane; 
ɔkae nʼapam no daa. 
 6 Wakyerɛ ne nkurɔfoɔ tumi a ɛwɔ ne nnwuma mu, 
sɛ ɔde aman afoforɔ nsase ama wɔn. 
 7 Ne nsa ano nnwuma yɛ nokorɛ na ɛtene; 
nʼahyɛdeɛ nyinaa mu wɔ ahotosoɔ. 
 8 Ɛtim hɔ daa daa, 
nokorɛ ne tenenee mu na ɔyɛeɛ. 
 9 Ɔde ɔgyeɛ maa ne nkurɔfoɔ; 
ɔde nʼapam sii hɔ afebɔɔ, 
ne din yɛ kronkron na ɛyɛ hu. 
 10 Awurade  suro yɛ nyansa mfitiaseɛ; 
wɔn a wɔdi nʼahyɛdeɛ so nyinaa wɔ nhunumu pa. 
 Languages
Languages