Dwom 110
Dawid dwom. 
 1 Awurade  ka kyerɛɛ me Wura sɛ, 
“Tena me nifa so 
kɔsi sɛ mede wʼatamfoɔ 
bɛyɛ wo nan ntiasoɔ.” 
 2 Awurade  bɛtrɛ wʼahempoma denden mu afiri Sion; 
na wobɛdi ɔhene wɔ wʼatamfoɔ so. 
 3 Wʼakodɔm bɛyi wɔn akoma mu 
ɛda a wobɛkɔ sa. 
Tumi kronkron bɛyɛ wʼaduradeɛ 
na wo mmabunu bɛba wo nkyɛn 
sɛdeɛ bosuo gugu anɔpahema. 
 4 Awurade  aka ntam 
na ɔrensesa nʼadwene: 
“Woyɛ daapem ɔsɔfoɔ 
te sɛ Melkisedek sɛso.” 
 5 Awurade  wɔ wo nifa so; 
ɔbɛdwerɛ ahemfo wɔ nʼabufuhyeɛ da no. 
 6 Ɔbɛbu amanaman atɛn aboaboa afunu ano; 
na wadwerɛ sodifoɔ a wɔwɔ asase so nyinaa. 
 7 Ɔbɛnom asuwa a ɛda ɛkwan nkyɛn mu nsuo 
enti ɔbɛdi nkonim. 
Ɔhene no bɛnom asuwa a ɛda kwankyɛn mu nsuo, 
 Languages
Languages