1 Ɛda bi Yesu frɛɛ Dumienu no hyiaeɛ maa wɔn tumi ne ahoɔden a wɔde bɛtu ahonhommɔne na wɔde asa nyarewa nso. 2 Afei, ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka Onyankopɔn Ahennie ho asɛm na wɔnsa nyarewa. 3 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ,
7 Ɔmansinihene Herode tee deɛ Yesu ayɛ no nyinaa no, ɛhaa no yie, ɛfiri sɛ, na ebinom keka sɛ Yohane Osubɔni na wasɔre afiri awufoɔ mu, 8 na afoforɔ nso se ɛyɛ Elia anaa tete adiyifoɔ no mu baako na wasɔre afiri awufoɔ mu aba. 9 Herode kaa sɛ, “Yohane deɛ, matwa ne ti, na hwan koraa ne saa onipa yi a mete anwanwasɛm a ɛte sɛɛ yi fa ne ho yi?” Yei enti, ɔpɛɛ sɛ ɔhu no.
10 Asomafoɔ no firii wɔn akwantuo mu baeɛ no, wɔbɔɔ nsɛm a ɛsisii hɔ nyinaa ho amaneɛ kyerɛɛ Yesu. Yei akyi, Yesu ne wɔn twee wɔn ho kɔɔ baabi a ɛbɛn Betsaida. 11 Nnipakuo no hunuu deɛ Yesu ne nʼasomafoɔ no wɔ no, wɔtii wɔn ma ɔgyee wɔn fɛw so, kaa Onyankopɔn Ahennie ho asɛm kyerɛɛ wɔn, saa ayarefoɔ yadeɛ.
12 Anim rebiribiri no, dumienu no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Ka kyerɛ nnipa no na wɔnkɔ nkuro ne nkuraa a atwa yɛn ho ahyia yi mu nkɔpɛ deɛ wɔbɛdi ne deɛ wɔbɛda ɛfiri sɛ, baabi a yɛwɔ yi yɛ ɛserɛ so.”
13 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ,
18 Ɛda bi Yesu nko ara kɔhyɛɛ baabi bɔɔ mpaeɛ. Yei akyi no, ɔbisaa nʼasuafoɔ no sɛ,
19 Wɔbuaa no sɛ, “Ebinom ka sɛ, woyɛ Yohane Osubɔni, ebinom nso ka sɛ Elia, na afoforɔ nso sɛ, woyɛ tete adiyifoɔ no baako a wasɔre afiri awufoɔ mu aba.”
20 Yesu bisaa wɔn sɛ,
21 Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ wɔnnka nkyerɛ obiara. 22 Ɔtoaa so sɛ,
23 Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ,
27
28 Yesu kaa ne nsɛm yi wieeɛ no, ɛbɛyɛ nnawɔtwe akyi, ɔne Petro, Yohane ne Yakobo kɔɔ bepɔ bi so sɛ wɔrekɔbɔ mpaeɛ. 29 Na Yesu gu so rebɔ mpaeɛ no, nʼanimdua sesaeɛ, na nʼatadeɛ nso hyerɛneeɛ. 30 Prɛko pɛ, nnipa baanu a ɛyɛ Mose ne Elia ne no bɛkasaeɛ. 31 Saa nnipa baanu yi bɛpuee hɔ animuonyam mu kaa ne wuo a ɔbɛwu wɔ Yerusalem no ho asɛm kyerɛɛ no. 32 Saa ɛberɛ no na Petro ne nnipa a wɔka ne ho no adeda hatehatee na wɔnyanenyanee a wɔn ani so tetee wɔn no, wɔhunuu Yesu sɛ ɔwɔ nʼanimuonyam mu ne nnipa baanu bi a wɔka ne ho. 33 Na ɛbaa sɛ nnipa no refiri Yesu nkyɛn akɔ no, Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, ɛyɛ sɛ yɛn nso yɛwɔ ha bi. Ma yɛmmɔ asese mmiɛnsa; wo deɛ baako, Mose deɛ baako na Elia nso deɛ baako.” Na Petro nnim asɛm a ɔreka no.
34 Ɔgu so rekasa no, omununkum bɛkataa wɔn so ma wɔsuroeɛ. 35 Na nne bi firi omununkum no mu kaa sɛ, “Yei ne me Ba a mayi no. Montie no!” 36 Kasa yi akyi no, wohunuu sɛ aka Yesu nko ara na ɔgyina hɔ. Na mmerɛ no mu, wɔanka deɛ wɔhunuiɛ no ankyerɛ obiara.
37 Adeɛ kyeeɛ a wɔsiane firii bepɔ no so baeɛ no, nnipakuo bi bɛhyiaa Yesu. 38 Ɔbarima bi firi nnipakuo no mu teaam sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, mesrɛ wo, bra bɛhwɛ me ba a medi no ba korɔ ma me; 39 sɛ honhommɔne ba ne so a, amonom, ɔteaam, ɔtwa hwe, ɔsensene, nʼano pu ahuro, na ɔbu fa so, na ɛkyɛ ansa na afiri ne so. 40 Na mesrɛɛ wʼasuafoɔ no sɛ wɔntu honhommɔne no, nanso wɔantumi.”
41 Yesu kaa sɛ,
42 Ɔde abɔfra no reba no, honhommɔne no twaa no hwee fam ma ɔsenseneeɛ. Nanso, Yesu teateaa honhommɔne no maa abɔfra no ho yɛɛ no den na ɔde no maa nʼagya. 43 Onyankopɔn tumi ne ne kɛseyɛ a ɛdaa adi wɔ honhommɔne no tu mu no maa nnipa no ho dwirii wɔn.
46 Asuafoɔ no gyee akyinnyeɛ a ɛfa wɔn mu deɛ ɔbɛyɛ kɛse Onyankopɔn Ahennie mu no ho. 47 Na Yesu hunuu wɔn adwene no, ɔsɔɔ abɔfra bi mu de no bɛgyinaa ne nkyɛn pɛɛ, 48 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ,
49 Yohane nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, yɛhunuu obi a ɔnka yɛn ho sɛ ɔde wo din tu ahonhommɔne enti yɛbraa no.”
50 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ,
51 Na ɛberɛ a ɛsɛ sɛ Yesu sane kɔ ɔsoro no rebɛn no, ɔsii ne bo sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem. 52 Ansa na ɔrebɛkɔ no, ɔsomaa nnipa bi dii ɛkan kɔɔ Samaria akuraa bi ase sɛ wɔnkɔsiesie baabi mma no. 53 Nanso, Samariafoɔ no annye Yesu, ɛfiri sɛ, wɔhunuu sɛ na ɔrekɔ Yerusalem. 54 Asuafoɔ no tee deɛ aba no, Yakobo ne Yohane bisaa Yesu sɛ, “Awurade, wopɛ sɛ yɛma ogya firi ɔsoro bɛhye wɔn pasaa anaa?” 55 Yesu danee nʼani kyerɛɛ wɔn kaa wɔn anim, 56 na wɔfirii hɔ kɔɔ akuraa foforɔ bi ase.
57 Ɛberɛ a wɔrekɔ no, ɔbarima bi baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Baabiara a wobɛkɔ no, mɛdi wʼakyi.”
58 Yesu buaa no sɛ,
59 Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima foforɔ bi nso sɛ,
60 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ,
61 Na ɔfoforɔ nso kaa sɛ, “Awurade, mɛdi wʼakyi; nanso ma me kwan na me ne mʼabusuafoɔ nkɔdi nkra ansa.”
62 Nanso, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ,
Languages