1 Yei akyi no, Yesu ne nʼasuafoɔ dumienu no kyinkyinii Galilea nkuro ne nkuraa bi ase kaa Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm. 2 Ɔrekɔ no, nnipa a na wɔdi nʼakyi no bi ne Maria Magdalene a ɔtuu ahonhommɔne nson firii ne mu no, 3 ne Yohana a ɔyɛ Kusa, Herode efie sohwɛfoɔ panin yere, ne Susana. Saa mmaa yi ne afoforɔ bi na wɔfiri wɔn ahonya mu hwɛɛ Yesu ne nʼasuafoɔ.
4 Ɛda bi a nnipa bebree bi firi nkuro nkuro so baa ne nkyɛn no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn abɛbuo mu sɛ, 5
9 Na nʼasuafoɔ no bisaa no saa abɛbuo yi ase no, 10 ɔbuaa wɔn sɛ,
11
16
19 Ɛda bi, Yesu maame ne ne nuanom pɛɛ sɛ wɔne no kasa, nanso ɛsiane nnipakuo a na wɔatwa ne ho ahyia no enti, wɔantumi ne no ankasa. 20 Obi kɔka kyerɛɛ Yesu sɛ ne maame ne ne nuanom gyina nkyɛn hɔ baabi rehwehwɛ no.
21 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ,
22 Ɛda bi a Yesu ne nʼasuafoɔ te kodoɔ mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ,
24 Asuafoɔ no de hu ne nteateam nyanee no sɛ, “Awurade, Awurade, yɛremem!”
25 Afei, ɔbisaa wɔn sɛ,
26 Yesu ne nʼasuafoɔ no twaa ɛpo no bɛduruu Gerasefoɔ asase a ɛne Galilea di nhwɛanimu no so. 27 Yesu firii kodoɔ no mu sii fam pɛ, ɔbarima bi a ahonhommɔne ahyɛ no ma akyɛre a ɔda adagya na ɔnte efie, na mmom ɔte amusieeɛ a aboda mu na ɔdeda no bɛhyiaa no. 28 Ɔhunuu Yesu no, ɔteaam, kotoo ne nan ase sane teateaam sɛ, “Yesu, Ɔsorosoro Onyankopɔn Ba, ɛdeɛn na wo ne me wɔ yɛ? Mesrɛ wo, nyɛ me ayayadeɛ biara.” 29 Ɔkaa saa asɛm yi, ɛfiri sɛ, na Yesu ateatea ahonhommɔne no sɛ wɔmfiri ne mu. Saa ahonhommɔne yi taa ka no na sɛ wɔde ahoma kyekyere ne nsa ne ne nan mpo a, ɔtumi tete mu ma ahonhommɔne no pam no kɔ wiram.
30 Yesu bisaa no sɛ,
32 Saa ɛberɛ no mu na mprako bi redidi wɔ bepɔ no nkyɛn mu baabi. Ahohommɔne no srɛɛ Yesu sɛ ɔmma wɔn ho ɛkwan na wɔnkɔwura mprako no mu. Na ɔmaa wɔn ho kwan. 33 Enti ahonhommɔne no firii ɔbarima no mu kɔwuraa mprako no mu ma wɔbɔɔ kiridi, sianee bepɔ no kɔguu ɔtadeɛ no mu wuwuiɛ.
34 Wɔn a wɔhwɛ mprako no so no hunuu deɛ asi no, wɔde hu ne ahopopoɔ tutuu mmirika kɔbɔɔ amaneɛ wɔ kurom maa asɛm no trɛeɛ wɔ mpɔtam hɔ nyinaa. 35 Nnipa a wɔtee asɛm no bɔɔ twi kɔhwɛɛ deɛ asi. Wɔduruu deɛ Yesu wɔ no, wɔhunuu ɔbarima no sɛ ne ho atɔ no a ɔfira ntoma te Yesu nkyɛn. Nnipa no nyinaa ho dwirii wɔn. 36 Na wɔn a wɔhunuu ɛkwan a Yesu faa so saa ɔbarima no yadeɛ no bɔɔ wɔn a wɔbaa hɔ no amaneɛ. 37 Ehu hyɛɛ Gerasefoɔ a na wɔahyia hɔ no nyinaa ma ma wɔsrɛɛ Yesu sɛ ɔmfiri wɔn nkyɛn hɔ nkɔ. Yei enti, Yesu kɔtenaa kodoɔ no mu sane tware kɔɔ asuogya hɔ nohoa.
38 Ansa na Yesu rebɛfiri hɔ no, ɔbarima a ɔtuu ahonhommɔne firii ne mu no srɛɛ no sɛ ɔne no bɛkɔ. Nanso, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, 39
40 Yesu duruu asuogya hɔ no, nnipakuo no de anigyeɛ hyiaa no kwan, ɛfiri sɛ, na wɔatwɛn no abrɛ. 41 Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yairo a na ɔyɛ Yudafoɔ hyiadan mu panin baa ne nkyɛn, bɛbuu no nkotodwe, srɛɛ no sɛ, ɔne no nkɔ ne fie 42 na ne babaa korɔ a wadi bɛyɛ mfeɛ dumienu reyɛ awu.
45 Yesu bisaa sɛ,
46 Yesu buaa no sɛ,
47 Ɔbaa no hunuu sɛ ɔhinta a ɛrenyɛ yie, ɛno enti, ɔde hu ne ahopopoɔ bɛbuu Yesu nkotodwe wɔ nnipa no nyinaa anim, kyerɛɛ no deɛ enti a ɔsɔɔ ne mu ne sɛdeɛ ne ho atɔ no no. 48 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ,
49 Yesu gu so rekasa no, obi firi Yairo efie bɛka kyerɛɛ Yairo sɛ, “Wo babaa no anya awu enti nha Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no bio.”
50 Yesu tee asɛm no, ɔsee Yairo sɛ,
51 Ɔduruu efie hɔ no, wamma obiara anka ne ho ankɔ ɛdan a abɔfra no da mu no mu gye Petro, Yohane, Yakobo ne abɔfra no awofoɔ nko ara. 52 Na nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa resu, di awerɛhoɔ. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ,
53 Wɔseree no dii ne ho fɛw, ɛfiri sɛ, na wɔn deɛ, wɔnim pefee sɛ wawu. 54 Yesu sɔɔ ne nsa ka kyerɛɛ no sɛ,
Languages