1 Afei, na Yudafoɔ Apiti Afahyɛ a wɔsane frɛ no Twam Afahyɛ no abɛn. 2 Saa ɛberɛ no na asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no hwehwɛɛ ɛkwan a wɔbɛfa so akyere Yesu akum no, nanso ɛsiane nnipa a na wɔwɔ hɔ no enti, na wɔsuro. 3 Ɔbonsam kɔwuraa Yuda a wɔfrɛ no Iskariot a ɔyɛ asuafoɔ dumienu no mu baako no mu. 4 Yuda kɔɔ asɔfoɔ mpanin ne Asɔredan no mu awɛmfoɔ mpanin nkyɛn ne wɔn kɔsusuu ɛkwan ko a ɔbɛfa so ayi Yesu ama wɔn no ho. 5 Wɔn ani gyeeɛ, penee so sɛ wɔbɛma no sika. 6 Ɛfiri saa ɛberɛ no, Yuda hwehwɛɛ ɛkwan a ɔbɛfa so ama wɔakyere Yesu ɛberɛ a nnipa dodoɔ biara nni ne ho.
7 Afei, da a wɔkum Twam Afahyɛ odwan de di burodo a mmɔreka nni mu no duruiɛ no, 8 Yesu somaa Petro ne Yohane sɛ,
9 Wɔbisaa no sɛ, “Ɛhe na wopɛ sɛ yɛkɔyɛ aduane no?”
10 Ɔbuaa wɔn sɛ,
13 Wɔkɔɔ kuro no mu no, wɔhunuu sɛdeɛ Yesu kaeɛ no pɛpɛɛpɛ ma wɔyɛɛ Twam Afahyɛ aduane no wɔ hɔ.
14 Ɛberɛ no duruiɛ no, Yesu ne nʼasuafoɔ no kɔtenatenaa adidipono no ho. 15 Wɔtete hɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ,
17 Afei Yesu faa kuruwa, daa Onyankopɔn ase na ɔde maa nʼasuafoɔ no kaa sɛ,
19 Afei, ɔfaa burodo daa Onyankopɔn ase, bubuu mu de maa nʼasuafoɔ no kaa sɛ,
20 Saa ara nso na adidie no akyi no, ɔfaa kuruwa kaa sɛ,
24 Asuafoɔ no gyee wɔn ho akyinnyeɛ pɛɛ sɛ wɔhunu wɔn mu deɛ ɔbɛyɛ kɛseɛ wɔ Onyankopɔn Ahennie a ɛbɛba no mu. 25 Yesu teeɛ no, ɔkaa sɛ,
31 Afei, Awurade kaa sɛ,
33 Petro buaa no sɛ, “Awurade, ɛyɛ me pɛ sɛ me ne wo bɛda afiase, na sɛ ɛyɛ owu mpo nso a, me ne wo bɛwu.”
34 Yesu nso buaa no sɛ,
35 Afei, Yesu bisaa nʼasuafoɔ no sɛ,
36 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ,
38 Asuafoɔ no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, yɛwɔ akofena mmienu wɔ ha.”
39 Yesu ne nʼasuafoɔ no firii kuro no mu kɔɔ Ngo Bepɔ no so sɛdeɛ ɔtaa yɛ no, na nʼasuafoɔ no ka ne ho. 40 Wɔduruu hɔ no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ,
45 Mpaeɛbɔ no akyi no, ɔkɔɔ asuafoɔ no nkyɛn kɔtoo wɔn sɛ awerɛhoɔ ne ɔbrɛ enti, wɔadeda. 46 Ɔkɔtoo wɔn sɛ wɔadeda no, ɔkaa sɛ,
47 Yesu gu so rekasa no, nnipadɔm bi a Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafoɔ dumienu no mu baako di wɔn anim, baa ne so. Yuda Iskariot twe bɛn Yesu yɛɛ no atuu. 48 Yesu bisaa no sɛ,
49 Ɛberɛ a asuafoɔ a wɔwɔ ne ho no hunuu deɛ ɛreba no, wɔbisaa no sɛ, “Awurade, yɛntwitwa wɔn akofena anaa?” 50 Asuafoɔ no mu baako twaa Ɔsɔfopanin no ɔsomfoɔ no aso nifa.
51 Yesu ampɛ deɛ osuani no yɛeɛ no enti, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ,
52 Yesu bisaa asɔfoɔ mpanin ne asɔredan sohwɛfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanimfoɔ ne asomfoɔ a wɔbaa ne so no sɛ,
54 Afei, wɔkyeree Yesu de no kɔɔ Ɔsɔfopanin efie. Ɛberɛ a wɔde no rekɔ no, Petro gyee ne ho kaa akyi. 55 Petro duruu Ɔsɔfopanin no efie hɔ no, na asraafoɔ no asɔ ogya wɔ adihɔ hɔ a wɔreto; ɔno nso kɔtoo bi. 56 Abaayewa bi hunuu Petro sɛ ɔreto ogya no bi no, ɔhwɛɛ no dinn kaa sɛ, “Saa ɔbarima yi yɛ Yesu akyidifoɔ no mu baako.”
57 Petro sanee sɛ, “Awuraa, mennim saa ɔbarima yi baabiara.”
58 Ankyɛre koraa na obi foforɔ nso hunuu no kaa sɛ, “Woyɛ nʼakyidifoɔ no mu baako.”
59 Ɛbɛyɛ dɔnhwereɛ akyi no, obi foforɔ nso sane hunuu no ka sii so dua sɛ, “Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ saa damfo yi ka Yesu asuafoɔ no ho, ɛfiri sɛ, ɔno nso yɛ Galileani, na ne kasa koraa da no adi.”
60 Petro sanee ne mprɛnsa so sɛ, “Owura, asɛm a woreka yi nyɛ nokorɛ.” Nʼano ansi koraa na akokɔ bɔneeɛ. 61 Saa ɛberɛ no ara mu na Yesu twaa nʼani hwɛɛ Petro anim. Ɛhɔ ara na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no sɛ,
63 Mmarima a na wɔrewɛn Yesu no dii ne ho fɛw, kyekyeree nʼani, bobɔɔ no, 64 sane bisaa no sɛ, “Odiyifoɔ, hwan na ɔbɔɔ wo? Kyerɛ yɛn.” 65 Wɔkɔɔ so yeyaa no kaa abususɛm ahodoɔ guu ne so.
66 Adeɛ kyeeɛ no, Yudafoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no hyiaeɛ maa wɔde Yesu baa wɔn anim 67 bisaa no sɛ, “Sɛ wone Kristo no a, ka kyerɛ yɛn.”
70 Ɔkaa saa no, wɔn nyinaa bisaa no bio sɛ, “Ɛnneɛ na wone Onyankopɔn Ba no anaa?”
71 Yei ma wɔkaa sɛ, “Adanseɛ bɛn na ɛhia yɛn bio? Yɛate afiri ɔno ankasa anom.”
<- Luka 21Luka 23 ->
Languages