1 Aaron mmammarima baanu a wɔwuwuu wɔ
3 “Sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ hɔ a, deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ nie: Ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba ba ma wɔde bɔ bɔne ho afɔdeɛ na ɔde odwennini nso ba ma wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. 4 Ɛsɛ sɛ ɔdware na ɔhyɛ atadeɛ nahanaha ne ne nhyɛaseɛ na ɔbɔ abɔwomu ne abotire. 5 Afei, Israelfoɔ bɛbrɛ no mmirekyie mmienu a wɔde bɛbɔ wɔn bɔne ho afɔdeɛ ne odwennini a wɔde bɛbɔ wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ.
6 “Deɛ ɛdi ɛkan no, ɔde nantwie ba no bɛma
11 “Aaron de nantwinini ba no abɔ bɔne ho afɔdeɛ ama ne ho ne ne fiefoɔ awie no, 12 ɔbɛfa adeɛ a wɔhye aduhwam wɔ mu a egyasramma a wɔfaa no
15 “Afei, ɛsɛ sɛ ɔfiri adi na ɔde abirekyie no kɔbɔ ɔmanfoɔ no bɔne ho afɔdeɛ na wɔde ne mogya no ba ntwamutam no akyi na wɔpete gu mpata beaeɛ hɔ ne animu sɛdeɛ ɔde nantwinini ba no mogya no yɛeɛ no ara pɛ. 16 Na ɛkyerɛ sɛ, wayɛ mpatadeɛ ama beaeɛ kronkron hɔ, ɛfiri sɛ, Israelfoɔ bɔne ama efi aka beaeɛ hɔ ne Ahyiaeɛ Ntomadan no a wɔasi wɔ wɔn mfimfini hɔ no. 17 Sɛ Aaron wura Ahyiaeɛ Ntomadan no mu kɔ kronkronbea hɔ rekɔyɛ mpatadwuma no a, ɛnni ho kwan sɛ obiara kɔ hɔ bi, gye sɛ ɔyɛ mpatadeɛ no ma ne ho ne ne fiefoɔ ne Israelfoɔ nyinaa wie.
18 “Afei, ɔbɛkɔ afɔrebukyia no ho wɔ
20 “Sɛ ɔwie mpatadeɛ a ɛfa kronkronbea hɔ ne Ahyiaeɛ Ntomadan no ho nsɛm nyinaa ne afɔrebukyia no ho a, ɔde abirekyie no bɛba anikann 21 de ne nsa mmienu agu aboa no apampam, na waka atirimuɔden ne atuateɛ a Israelfoɔ ayɛ, wɔn bɔne nyinaa de agu abirekyie no apampam, na obi a wɔayi no sɛ ɔnyɛ saa adwuma no de aboa no bɛkɔ ɛserɛ so. 22 Enti abirekyie no bɛsoa nnipa no bɔne nyinaa de akɔ asase a obi nte so no so na onii no agyaa no wɔ ɛserɛ so hɔ.
23 “Afei, Aaron bɛkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ bio akɔworɔ nʼatadeɛ nahanaha a ɔhyɛɛ wɔ ntwamutam no akyi no na wagya no wɔ hɔ. 24 Ɔbɛkɔ akɔdware wɔ baabi a wɔate hɔ ho na wahyɛ ne ntadeɛ no bio na wafiri adi akɔbɔ ɔno ankasa ɔhyeɛ afɔdeɛ asane abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama nnipa no na wayɛ mpatadeɛ ama ne ho ne wɔn. 25 Ɔbɛhye sradeɛ de abɔ bɔne ho afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so.
26 “Akyire no, ɔbarima a ɔde abirekyie no kɔɔ ɛserɛ so no bɛsi ne ntoma na wadware na wasane aba beaeɛ hɔ bio. 27 Na nantwie ba ne abirekyie a wɔde bɔɔ bɔne ho afɔdeɛ no a Aaron de wɔn mogya kɔɔ kronkronbea hɔ kɔyɛɛ mpatadeɛ no, wɔde wɔn bɛkɔ sraban no akyiri baabi akɔhye a wɔn ho nhoma ne wɔn ayamdeɛ ka ho. 28 Akyire yi, onipa a ɔrebɛhye afɔrebɔdeɛ no bɛsi ne ntoma, adware na wasane akɔ beaeɛ hɔ bio.
29 “Yei yɛ mmara a ɛwɔ hɔ daa. Ɔbosome a ɛtɔ so nson dadu so no, ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara, na mmom, momfa saa ɛda no nkari mo ho nhwɛ wɔ ahobrɛaseɛ mu. Saa mmara yi ka wɔn a wɔwoo wɔn wɔ asase yi so anaa ahɔhoɔ a wɔne Israelfoɔ teɛ; 30 ɛfiri sɛ, ɛda yi na wɔde kae mo mpata ne mo ahodwira wɔ mo bɔne ho wɔ
34 “Yei bɛyɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa ama mo, na Israelfoɔ bɔne enti, moagyina so afe biara de ayɛ mpatadeɛ ama Israelfoɔ afiri wɔn bɔne nyinaa mu.”
Languages