1 Afei, ahemfo a wɔwɔ Yordan atɔeɛ fam no nyinaa tee nsɛm a asisi. (Yeinom ne Hetifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ ahemfo a na wɔtete mmepɔ nsase a ɛwɔ atɔeɛ fam mmepɔ ayaase ne Ɛpo Kɛseɛ no mpoano kɔsi Lebanon atifi fam mmepɔ so tɔnn.) 2 Saa ahemfo yi boaa wɔn akodɔm ano ntɛm so sɛ wɔbɛko atia Yosua ne Israelfoɔ.
3 Nanso Gibeonfoɔ tee asɛm a ato Yeriko ne Ai no, 4 wɔfaa nnaadaa kwan so de gyee wɔn ho nkwa. Wɔsomaa ananmusifoɔ kɔɔ Yosua nkyɛn. Wɔde nkotokuo a atete ne mmoa nwoma nsã nkotokuo a ayɛ dada na wɔatetɛ mu soaa wɔn mfunumu. 5 Wɔhyehyɛɛ ntadeɛ dada ne mpaboa a akyɛre na wɔapempam. Afei wɔfaa burodo a abɔ ntu sɛ wɔn aduane. 6 Wɔduruu Israelfoɔ atenaeɛ wɔ Gilgal no, wɔka kyerɛɛ Yosua ne Israel mmarimma no sɛ, “Yɛfiri akyirikyiri ɔman bi so na aba rebɛsrɛ mo sɛ mo ne yɛn nyɛ asomdwoeɛ apam.”
7 Israelfoɔ no buaa saa Hewifoɔ[a] yi sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na yɛahunu sɛ monnte mmɛn ha? Ɛfiri sɛ, sɛ ɛte saa a, yɛrentumi ne mo nnyɛ apam.”
8 Wɔbuaa sɛ, “Yɛbɛyɛ mo asomfoɔ.”
9 Wɔbuaa sɛ, “Yɛfiri akyirikyiri asase bi so. Yɛate
14 Enti, Israelfoɔ no hwehwɛɛ wɔn burodo no ho nanso wɔammisa
16 Nnansa akyi no, nokorɛ no daa adi sɛ saa nnipa a wɔyɛ Gibeonfoɔ no te bɛn. 17 Enti, Israelfoɔ no anna so koraa na wɔyɛɛ sɛ wɔbɛyɛ nhwehwɛmu. Nnansa akyi no wɔduruu wɔn nkuro no so. Saa nkuro no ne Gibeon, Kefira, Beerot ne Kiriat-Yearim. 18 Nanso, Israelfoɔ no anto anhyɛ nkuro no so, ɛfiri sɛ, na wɔn mpanimfoɔ aka ntam akyerɛ
22 Na Yosua frɛɛ Gibeonfoɔ mpanimfoɔ no bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na motwaa atorɔ kyerɛɛ yɛn? Adɛn enti na mokaa sɛ mote akyirikyiri asase so wɔ ɛberɛ a mote yɛn mu pɛɛ? 23 Nnome mmra mo so! Ɛfiri ɛnnɛ rekorɔ, mobɛbu nnua, atwe nsuo de akɔ me Onyankopɔn fie.”
24 Wɔbuaa Yosua sɛ, “Yɛyɛɛ saa, ɛfiri sɛ, wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ,
26 Yosua amma Israelfoɔ no ankum wɔn. 27 Na ɛda no, ɔmaa Gibeonfoɔ no yɛɛ nnuabufoɔ ne asukɔfoɔ maa Israelfoɔ ne Awurade afɔrebukyia no wɔ baabiara a
-
a 9.7 Na Hewifoɔ yɛ nnipa bi a wɔn ase firi Mesopotamia. 2 Samuel mu, wɔka sɛ wɔyɛ Amonfoɔ.
Languages