3
Yona Kɔ Ninewe
1 Afei,
3 Yona yɛɛ ɔsetie maa
6 Ɛberɛ a Ninewehene tee asɛm no, ɔsɔre firii nʼahennwa so, ɔworɔɔ nʼahenetadeɛ, Ɔfiraa ayitoma, na ɔtenaa mfuturo mu. 7 Afei, ɔmaa wɔbɔɔ dawuro wɔ Ninewe sɛ,
“Mmara a ɛfiri ɔhene ne nʼatitire hɔ nie:
“Obiara, sɛ ɔyɛ onipa anaa aboa, anantwikuo anaa nnwankuo, mmfa hwee nka nʼano; mma ɔnnnidi anaa ɔnnom. 8 Na mmom nnipa ne mmoa mfa ayitoma nkata wɔn ho. Obiara mfa anibereɛ nsu mfrɛ Onyankopɔn. Wɔn mfiri wɔn akwammɔne so, na wɔnnyae basabasayɛ. 9 Hwan na ɔnim? Ebia, Onyankopɔn bɛhunu yɛn mmɔbɔ, na watwe nʼabufuhyeɛ no a ɔnam so rebɛsɛe yɛn no asan.” 10 Na Onyankopɔn hunuu sɛdeɛ wɔyɛeɛ ne sɛdeɛ wɔsane firii wɔn akwammɔne ho no, ɔhunuu wɔn mmɔbɔ, na wansɛe wɔn sɛdeɛ ɔkaeɛ no.
<- Yona 2Yona 4 ->
Languages