38
1 Afei, 
 2 “Hwan ne deɛ ɔde nsɛm a nimdeɛ nni mu 
katakata mʼafotuo so? 
 3 Hyɛ wo ho den sɛ ɔbarima; 
mɛbisa wo nsɛm, 
na wobɛyi mʼano. 
 4 “Ɛberɛ a metoo asase fapem no, na wowɔ he? 
Sɛ wonim a, ka ɛ. 
 5 Hwan na ɔsusuu ne tenten ne ne tɛtrɛtɛ? Ampa ara wonim! 
Hwan na ɔtwee susuhoma faa ani? 
 6 Ɛdeɛn so na ɛgyina, 
anaasɛ hwan na ɔtoo ne tweatiboɔ no, 
 7 ɛberɛ a anɔpa nsoromma bɔɔ mu too dwom, 
na abɔfoɔ nyinaa de anigyeɛ teaam no? 
 8 “Hwan na ɔkaa ɛpo hyɛɛ apono akyi, 
ɛberɛ a ɛpue firii yafunu mu, 
 9 ɛberɛ a mede omununkum yɛɛ nʼaduradeɛ 
na mede esum kabii kyekyeree noɔ, 
 10 ɛberɛ a metoo hyeɛ maa noɔ 
na mesisii nʼapono ne nʼadaban, 
 11 ɛberɛ a mekaa sɛ, ‘Ɛha ara na wobɛduru, ɛntra ha; 
ɛha na wʼahantan asorɔkyeɛ no mmɛso’? 
 12 “Woahyɛ mmara ama adekyeeɛ da? 
Anaa woakyerɛ no nʼafa, 
 13 sɛ ɛnkɔka asase ano 
na ɛntu amumuyɛfoɔ mfiri so? 
 14 Asase fa ne bɔberɛ sɛ dɔteɛ a ɛhyɛ nsɔano ase; 
na ɛso tebea da adi te sɛ atadeɛ. 
 15 Wɔde amumuyɛfoɔ hann akame wɔn, 
na wɔn abasa a wɔapagya no mu abu. 
 16 “Woapɛɛpɛɛ mu ahunu nsutire a ɛpo firi mu ba 
anaa woanante ne bunu mu? 
 17 Wɔde owuo apono akyerɛ wo? 
Woahunu owuo sunsumma apono anaa? 
 18 Woate ewiase a ɛda hɔ hahanaa no ase anaa? 
Sɛ wonim yeinom nyinaa a, ka kyerɛ me. 
 19 “Ɛhe na hann firi ba? 
Na ɛhe na esum nso kɔ? 
 20 Wobɛtumi de wɔn akɔ wɔn siberɛ? 
Wonim akwan a ɛkɔ wɔn atenaeɛ? 
 21 Ampa ara wonim, ɛfiri sɛ na woawo wo dada. 
Woanyini yie! 
 22 “Woakɔ sukyerɛmma adekoradan mu da, 
anaa woahunu asukɔtweaa adekoradan 
 23 a makora so ama ahohiahia berɛ, 
ɔsa ne akodie nna? 
 24 Ɛkwan bɛn na ɛkɔ baabi a anyinam firi ba, 
anaa baabi a apueeɛ mframa firi na ɛbɔ fa asase so? 
 25 Hwan na ɔtwaa ɛka maa osubransam, 
ne ɛkwan maa aprannaa mmobom, 
 26 sɛ ɛbɛtɔ agu asase a obiara nte soɔ so, 
anweatam a obiara nni soɔ, 
 27 na ama asase bonini a ɛyɛ wesee yi afɔ 
na ɛserɛ afifiri so? 
 28 Osutɔ wɔ agya anaa? 
Hwan na ɔyɛ agya ma obosuo? 
 29 Hwan yafunu mu na nsukyeneeɛ fire? 
Hwan na ɔwoo nsukyeneeɛ mporoporowa firi soro 
 30 ɛberɛ a nsuo kyene dane sɛ ɛboɔ, 
na ebunu ani kyene? 
 31 “Wobɛtumi de ahoma akyekyere Akokɔbaatan ne ne mma? 
Wobɛtumi asane Nwenwenente nhoma anaa? 
 32 Wobɛtumi de anɔpa nsoromma aba wɔ ne berɛ mu 
anaasɛ wobɛtumi ayi sisire ne ne mma afiri hɔ? 
 33 Wonim mmara a ɛfa ewiem ho? 
Wobɛtumi de Onyankopɔn ahennie aba asase so? 
 34 “Wobɛtumi ama wo nne aduru omununkum so 
na wode nsuo akata wo ho anaa? 
 35 Wobɛtumi ama anyinam atwa? 
Wɔbɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Yɛnnie anaa’? 
 36 Hwan na ɔde nyansa ma akoma 
anaasɛ ɔde nteaseɛ hyɛ adwene mu. 
 37 Hwan na ɔwɔ nyansa a wɔde kan omununkum? 
Hwan na ɔbɛtumi akyea ɔsoro nsuo nkotokuo, 
 38 ɛberɛ a mfuturo ayɛ den 
ama dɔteɛ atɔatɔ keka bɔ mu. 
 39 “Wokɔ ahayɔ ma gyatabereɛ 
ma agyata didi mee 
 40 ɛberɛ a wɔbutubutu wɔn abɔn ano 
anaasɛ wɔtetɛ nnɔtɔ ase? 
 41 Hwan na ɔma anene aduane 
ɛberɛ a ne mma su frɛ Onyankopɔn 
na wɔkyinkyini pɛ aduane? 
 Languages
Languages