28
 1 Ɛwɔ deɛ wɔtu dwetɛ 
ne beaeɛ a wɔhoa sika kɔkɔɔ ho. 
 2 Wɔtu dadeɛ firi fam, 
na wɔnane kɔbere firi dadeben mu. 
 3 Onipa ma esum ba awieeɛ; 
na ɔhwehwɛ kɔ akyirikyiri asase mu 
kɔpɛ dadeben wɔ esum kabii mu. 
 4 Baabi a ɛne deɛ ɔdasani teɛ ntam ɛkwan ware no, ɔtu amena de fagudeɛtuo afidie hyɛ hɔ, 
mmeammea a onipa nan sii hɔ akyɛre 
baabi a ɛmmɛn nnipa no, ɛhɔ na ɔdi aforosiane. 
 5 Asase a ɛbɔ aduane no, 
wɔnane aseɛ no te sɛ deɛ wɔde ogya na ayɛ; 
 6 aboɔdemmoɔ firi nʼabotan mu 
na sikakɔkɔɔ mpɔ nso wɔ ne mfuturo mu. 
 7 Ɔkɔdeɛ biara nnim saa kwan a ahinta no, 
akorɔma biara ani nhunuiɛ. 
 8 Mmoa ahantanfoɔ nnante wɔ hɔ 
na agyata nkɔdɛɛdɛɛ wɔ hɔ. 
 9 Onipa nsa paapae abotan denden 
na ɔma mmepɔ ase da hɔ. 
 10 Ɔtwa aka fa abotan mu, 
na ɔhunu nʼademudeɛ nyinaa. 
 11 Ɔhwehwɛ baabi a nsubɔntene ti wɔ 
na ɔda nneɛma a ahinta adi. 
 12 Nanso ɛhe na yɛbɛhunu deɛ nyansa hyɛ? 
Ɛhe na nteaseɛ teɛ? 
 13 Onipa renhunu ne bo a ɛsom; 
wɔrenhunu wɔ ateasefoɔ asase so. 
 14 Na ebunu ka sɛ, “Ɛnni me mu”; 
na ɛpo nso sɛ, “Ɛnni me nkyɛn.” 
 15 Wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ amapa ntɔ, 
na wɔrentumi mfa dwetɛ nkari ne boɔ. 
 16 Wɔrentumi mfa Ofir sikakɔkɔɔ ntɔ 
apopobibirieboɔ anaa aboɔdemmoɔ nso saa ara. 
 17 Wɔrentumi mfa ahwehwɛ anaa sikakɔkɔɔ ntoto ho, 
na wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ nnwinneɛ nsesa. 
 18 Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ ahwene panin ne ahwehwɛboɔ din; 
nyansa boɔ sene nhwene pa. 
 19 Etiopia akarateboɔ ne no nsɛ; 
wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ kronn ntɔ. 
 20 Ɛnneɛ na ɛhe na nyansa firie? 
Ɛhe na nteaseɛ teɛ? 
 21 Wɔde asie abɔdeɛ biara ani, 
wɔde asie ewiem nnomaa mpo. 
 22 Ɔsɛeɛ ne Owuo ka sɛ, 
“Yɛate no huhuhuhu kɛkɛ.” 
 23 Onyankopɔn te ɛkwan a ɛkɔ hɔ ase, 
na ɔno nko ara na ɔnim baabi a ɛteɛ, 
 24 ɛfiri sɛ ɔhwɛ kɔduru nsase ano 
na ɔhunu biribiara a ɛwɔ ɔsoro ase. 
 25 Ɛberɛ a ɔhyɛɛ mframa ano den too hɔ 
na ɔsusuu nsuwa no, 
 26 ɛberɛ a ɔkaa no ɔhyɛ so kyerɛɛ osutɔ 
na ɔtwaa ɛkwan maa aprannaa no, 
 27 afei ɔhwɛɛ nyansa na ɔkarii no hwɛeɛ; 
na ɔgyee no too mu na ɔsɔɔ no hwɛeɛ. 
 28 Na ɔka kyerɛɛ onipa sɛ, 
“Awurade  suro, ɛno ne nyansa; 
 Languages
Languages