23
Hiob Mmuaeɛ
1 Na Hiob buaa sɛ,
 2 “Ɛnnɛ mpo, mʼabooboodie mu da so yɛ den; 
ne nsa ayɛ den mʼapinisie nyinaa akyi. 
 3 Sɛ menim baabi a mɛhunu no; 
anaasɛ mɛtumi akɔ ne tenaberɛ a, 
 4 anka mɛka mʼasɛm wɔ nʼanim 
na magye akyinnyeɛ bebree. 
 5 Anka mɛte mmuaeɛ a ɔde bɛma me, 
na madwene deɛ ɔbɛka ho. 
 6 Ɔde tumi a ɛso bɛtia me anaa? 
Dabi, ɔremmɔ me kwaadu. 
 7 Ɛhɔ deɛ nnipa tenenee bɛtumi aka nʼasɛm wɔ nʼanim, 
na wɔbɛgye me afiri me ɔtemmufoɔ nsam afebɔɔ. 
 8 “Nanso sɛ mekɔ apueeɛ fam a, ɔnni hɔ; 
sɛ mekɔ atɔeɛ fam nso a, menhunu no. 
 9 Sɛ ɔreyɛ adwuma wɔ atifi fam a, menhunu no; 
sɛ ɔdane ne ho kɔ anafoɔ fam a, mʼani nhye ne ho. 
 10 Nanso, ɔnim ɛkwan a me nam soɔ; 
na sɛ ɔsɔ me hwɛ a, mɛfiri mu aba sɛ sikakɔkɔɔ. 
 11 Madi nʼanammɔn akyi pɛɛ; 
na manante nʼakwan so a mammane. 
 12 Mentwee me ho mfirii mmaransɛm a ɛfiri nʼanom ho, 
mama asɛm a ɛfiri nʼanom ho ahia me asene me daa aduane. 
 13 “Nanso ɔbiara nni hɔ ka ne ho, na hwan na ɔbɛtumi atia no? 
Ɔyɛ biribiara a ɔpɛ. 
 14 Ɔhwɛ ma ne ɔhyɛ nsɛm tia me; 
ɔda so kora nhyehyɛeɛ a ɛte sei bebree. 
 15 Ɛno enti na mebɔ hu wɔ nʼanim; 
na sɛ medwene yeinom nyinaa ho a, mesuro no. 
 16 Onyankopɔn ama mʼakoma aboto; 
Otumfoɔ ama mabɔ huboa. 
 17 Nanso esum no mma menka mʼano ntom, 
esum kabii a ɛkata mʼanim no mpo. 
 Languages
Languages