6
Israel Nni Ahonu 
 1 “Mommra, momma yɛnsane nkɔ Awurade  nkyɛn. 
Wɔatete yɛn mu asinasini 
nanso ɔbɛsa yɛn yadeɛ. 
Wapirapira yɛn 
nanso ɔbɛkyekyere yɛn apirakuro. 
 2 Nnanu akyiri, ɔbɛma yɛanya ahoɔden; 
nansa so, ɔde yɛn bɛsi yɛn siberɛ 
na yɛanya nkwa wɔ nʼanim. 
 3 Momma yɛnnye Awurade  nto mu; 
momma yɛn nkɔ so nnye no nto mu. 
Sɛdeɛ awia pue da biara no, ɔbɛpue; 
ɔbɛba yɛn nkyɛn te sɛ osuo a ɛtɔ awɔberɛ mu 
anaa osutɔberɛ mu nsuo a ɛfɔ asase.” 
 4 “Ɛdeɛn na mɛtumi de wo ayɛ, Efraim? 
Ɛdeɛn na mɛtumi de wo ayɛ, Yuda? 
Mo dɔ te sɛ anɔpa bɔ, 
ɛte sɛ anɔpa bosuo a ɛtu yera. 
 5 Mede mʼadiyifoɔ twitwaa mo mu asinasini, 
mede mʼanum nsɛm kunkumm mo; 
mʼatemmuo baa mo so sɛ anyinam. 
 6 Mepɛ ahummɔborɔ na ɛnyɛ afɔrebɔ, 
mepɛ Onyankopɔn ho nimdeɛ sene ɔhyeɛ afɔdeɛ. 
 7 Wɔabu apam no so sɛdeɛ Adam yɛeɛ. 
Wɔanni me nokorɛ wɔ hɔ. 
 8 Gilead yɛ atirimuɔdenfoɔ kuropɔn 
a mogya anammɔn akeka hɔ. 
 9 Sɛdeɛ akwanmukafoɔ ka ɛkwan mu no 
saa ara na asɔfo kuo no nso yɛ; 
wɔdi awu wɔ Sekem kwantempɔn so 
yɛ nnebɔne a ɛyɛ animguaseɛ. 
 10 Mahunu ahodwiredeɛ wɔ Israel fie. 
Ɛhɔ, Efraim kɔ adwamammɔ mu 
Israel gu ne ho fi. 
 11 “Na wo Yuda nso, 
wɔahyɛ otwa berɛ ama wo. 
 Languages
Languages