1 Yei enti na ɛsɛ sɛ yɛsɔ nokorɛ a yɛate no mu denden sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, biribi rentu yɛn aso. 2 Nsɛm a abɔfoɔ no kaeɛ no yɛ nokorɛ enti obiara a wanni so no nyaa asotwe a ɛfata no. 3 Na sɛ yɛantie saa nkwagyesɛm yi a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi adwane? Awurade no ankasa na ɔdii ɛkan kaa saa nkwagyeɛ yi ho asɛm na wɔn a wɔtiee no no, ama yɛahunu sɛ ɛyɛ nokorɛ. 4 Saa ɛberɛ korɔ no ara mu Onyankopɔn nam ne nsɛnkyerɛnneɛ ne nʼanwanwadwuma so dii ho adanseɛ. Bio, ɔkyɛɛ Honhom Kronkron no sɛdeɛ ɔpɛ.
5 Onyankopɔn amma abɔfoɔ anni ewiase a na wayɛ nʼadwene sɛ ɔrebɛbɔ no so; saa ewiase a yɛka ho asɛm no. 6 Na mmom, wɔaka no Atwerɛsɛm no mu baabi sɛ:
10 Onyankopɔn na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa, na ɔwɔ tumi sɛ ɔyɛ biribiara. Ne saa enti, ɛfiri sɛ ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔde ne mma nyinaa bɛba nʼanimuonyam mu no, ɔmaa Agyenkwa no faa amanehunu mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ne mma no nsa bɛka nkwagyeɛ a ɛyɛ pɛ no. Ɛfiri sɛ, Yesu nko ara ne Onipa a ɔbɛtumi adi wɔn anim akɔ nkwagyeɛ mu. 11 Ɔma nnipa yɛ kronkron firi wɔn bɔne mu. Na ɔne wɔn a wayɛ wɔn kronkron no nyinaa wɔ Agya baako. Ɛno enti na Yesu mfɛre sɛ ɔfrɛ wɔn anuanom no. 12 Ɔka sɛ,
14 Esiane sɛ mma no wɔ honam ne mogya enti, Yesu nso baa onipa tebea mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔnam ne wuo no so bɛsɛe ɔbonsam a ɔkura owuo tumi no ahoɔden. 15 Na ɔnam so agye wɔn a ɛsiane sɛ wɔsuro owuo enti, wɔn asetena mu nyinaa, wɔayɛ nkoa no. 16 Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ ɛnyɛ abɔfoɔ na ɔboa wɔn. Na mmom, sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka no, “Ɔboa Abraham asefoɔ.” 17 Yei kyerɛ sɛ, ɛkwan biara so no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ sɛ ne nuanom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛyɛ wɔn nokwafoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ Ɔsɔfopanin wɔ Onyankopɔn anim, na ɛnam so ma wɔde nnipa bɔne akyɛ wɔn. 18 Enti afei, ɔbɛtumi aboa wɔn a wɔasɔ wɔn ahwɛ ɛfiri sɛ, ɔno ankasa wɔsɔɔ no hwɛeɛ maa ɔhunuu amane.
<- Hebrifoɔ 1Hebrifoɔ 3 ->
Languages