1 Afei, ɛkɔm kɛseɛ bi baa asase no so. Saa ɛkɔm kɛseɛ no sene deɛ ɛbaa Abraham berɛ so no. Ɛno enti, Isak tu kɔtenaa Gerar a ɛyɛ Filistifoɔ ɔhene Abimelek kuro mu. 2 Ɛhɔ na
7 Ɛberɛ a Gerar mmarima bisaa Isak yere Rebeka ho asɛm no, ɔkaa sɛ, “Ɔyɛ me nuabaa.” Ɛfiri sɛ, na ɔsuro sɛ ɔbɛka sɛ, “Ɔyɛ me yere.” Ɔkaa saa asɛm yi, ɛfiri sɛ, na ɔsusu sɛ, ɛsiane ne yere Rebeka ahoɔfɛ enti, anhwɛ a, na kurom hɔ mmarima akum no.
8 Isak tenaa hɔ kyɛɛ kakra no, ɛda bi, Filistifoɔ ɔhene Abimelek gyina ne mpomma mu na ɔhunuu sɛ Isak regoro ne yere Rebeka ho. 9 Ɛno enti, Abimelek soma ma wɔkɔfrɛɛ Isak. Isak baeɛ no, ɔbisaa no sɛ, “Ɔbaa no yɛ wo yere ankasa. Adɛn enti na woka sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabaa?’ ”
10 Ɛnna ɔhene Abimelek kaa sɛ, “Ɛdeɛn asɛm na wo ne yɛn adi yi? Nokorɛ a woamma anna adi enti, anka obi bɛtumi afa wo yere no, na wode mmusuo aba yɛn so.”
11 Ɛno enti, Abimelek bɔɔ ne manfoɔ no kɔkɔ sɛ, “Obiara a ɔde ne nsa bɛka saa ɔbarima yi, anaa ne yere no, ɛkwan biara so, wɔbɛkum no.”
12 Saa afe no ara Yakob dɔɔ afuo. Na
16 Ɛbaa saa no, ɔhene Abimelek ka kyerɛɛ Isak sɛ, “Tu firi yɛn asase so, ɛfiri sɛ, wʼahonya dodoɔ aka yɛn ahyɛ.”
17 Isak tu firii Gerar kuro no mu, kɔɔ Gerar subɔnhwa mu de hɔ kɔyɛɛ nʼatenaeɛ. 18 Enti, Isak maa ne nkoa sane tutuu mmura a nʼagya Abraham maa ne nkoa tutuiɛ a ne wuo akyiri no, Filistifoɔ no sisii ne nyinaa no. Ɔsane de edin korɔ no ara a nʼagya Abraham de totoo mmura no totoo no bio.
19 Isak nkoa no tuu abura foforɔ bi wɔ Gerar subɔnhwa no mu, kɔtoo nsuo a ɛyɛ korɔgyenn. 20 Nanso, Gerar nnwanhwɛfoɔ ne Isak nnwanhwɛfoɔ gyee abura no ho akyinnyeɛ. Gerar nnwanhwɛfoɔ no kaa sɛ, “Abura yi yɛ yɛn dea.” Yei maa Isak too saa abura no edin Esek, a aseɛ kyerɛ akyinnyegyeɛ abura. 21 Isak nkoa no sane tuu abura foforɔ, nanso Gerar nnwanhwɛfoɔ no sane ne wɔn kasakasaa ɛno nso so. Yei maa Isak sane too saa abura no nso edin Sitna, a aseɛ kyerɛ Aperedie. 22 Isak gyaa saa abura no hɔ kɔtuu abura foforɔ. Afei, nnipa a wɔne no te hɔ no gyaee no haw a obiara ne no ankasa so bio. Yei maa Isak too saa abura yi edin Rehobot a aseɛ ne “Afei deɛ
23 Isak tu firii hɔ kɔɔ Beer-Seba. 24 Anadwo no,
25 Isak sii afɔrebukyia, somm
26 Ɛda bi, ɔhene Abimelek ne ne fotufoɔ Ahusad ne ne sahene Pikol firi Gerar bɛsraa Isak. 27 Isak bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na mo a na mo ne me nka, na mopamoo me firii mo nkyɛn aba me ha ɛnnɛ sɛ morebɛsra me?”
28 Wɔbuaa no sɛ, “Yɛhunu pefee sɛ
30 Isak too wɔn ɛpono, na wɔdidi nomeeɛ de twɛn apam a wɔne no rebɛyɛ no. 31 Adeɛ kyee anɔpa no, Isak ne mmarima no kekaa wɔn ho wɔn ho ntam, de sii wɔn apam a wɔayɛ no so dua. Afei, Isak gyaa wɔn kwan, ma wɔkɔɔ asomdwoeɛ mu.
32 Ɛda no ara, Isak asomfoɔ bɛkaa abura a na wɔretu no ho asɛm kyerɛɛ no sɛ, “Yɛato nsuo.” 33 Isak too abura no edin Seba, a aseɛ kyerɛ sɛ “Ntanka abura.” Kuro a akyire no wɔkyekyeree wɔ hɔ no, wɔtoo hɔ edin Beer-Seba a ɛbɛsi ɛnnɛ, wɔda so frɛ hɔ saa ara.
34 Esau dii mfeɛ aduanan no, ɔwaree ababaawa bi a na wɔfrɛ no Yudit. Na nʼagya yɛ Hetini bi a ne din de Beeri. Esau sane waree Basmat a nʼagya yɛ Hetini bi a ne din de Elon. 35 Nanso, Isak ne Rebeka bo annwo saa awadeɛ no so.
<- 1 Mose (Gyenesis) 251 Mose (Gyenesis) 27 ->
Languages