1 Saa anadwo no, ɔhene no antumi anna, enti ɔmaa ɔsomfoɔ bi kɔfaa nʼahemman mu abakɔsɛm nkrataa baeɛ sɛ wɔnkenkan nkyerɛ no. 2 Ɔhunuu sɛdeɛ Mordekai kɔdaa atirisopam bi adi, deɛ Bigtana ne Teres a na wɔyɛ apiafoɔ baanu a na wɔwɛn ɔhene no apono ano no pamee wɔ nkrataa no mu. Wɔpamm ɔhene no tiri so sɛ wɔbɛkum no. 3 Ɔhene no bisaa sɛ, “Ɛdeɛn akatua anaa nkaeɛ adeɛ bɛn na wɔde ama Mordekai wɔ yei ho?” Asomfoɔ no buaa sɛ, “Wɔnyɛɛ hwee mmaa no.”
4 Ɔhene no bisaa sɛ, “Hwan na ɔhyɛ akyire hɔ adihɔ hɔ no?” Ɛbaa sɛ, na afei na Haman abɛduru ahemfie adihɔ a ɛwɔ akyire hɔ no a ɔrebɛka akyerɛ ɔhene no, na wasɛn Mordekai wɔ dua a wasi no so.
5 Nʼasomfoɔ no buaa ɔhene no sɛ, “Haman na ɔhyɛ hɔ.”
6 Enti, Haman kɔɔ mu, maa ɔhene no bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na menyɛ mfa nhyɛ ɔbarima a nokorɛm, ɔsɔ mʼani no animuonyam?”
10 Ɔhene no ka kyerɛɛ Haman sɛ, “Ɛyɛ koraa! Ka wo ho kɔfa ahentadeɛ no ne me pɔnkɔ no, na yɛ sɛdeɛ wopɛ sɛ woyɛ no ma Yudani Mordekai a ɔte ahemfie ɛpono ano no. Mma wo werɛ mfiri sɛ wobɛyɛ biribiara a woaka ho asɛm no.”
11 Enti, Haman faa ahentadeɛ no de hyɛɛ Mordekai, de no tenaa Ɔhene no ankasa pɔnkɔ so, de no kɔɔ kuro no adwaberem hɔ a na ɔpae di nʼanim sɛ, “Saa na ɔhene yɛ wɔn a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ wɔn animuonyam no.”
12 Akyire yi, Mordekai sane kɔɔ ahemfie hɔ ɛpono no ano, na Haman de ɔyea a ano yɛ den ne aniwuo yɛɛ ntɛm kɔɔ efie. 13 Ɛberɛ a Haman bɔɔ ne yere Seres ne ne nnamfonom nyinaa amaneɛ no, wɔkaa sɛ, “Esiane sɛ Mordekai a ɔguu wʼanim ase yi yɛ Yudani enti, nhyehyɛeɛ biara a wobɛyɛ atia no no renyɛ yie. Sɛ wotoa so tia no a, ɛbɛkɔ no bɔne ama wo.” 14 Ɛberɛ a wɔgu so rekasa no, ɔhene apiafoɔ no baeɛ sɛ, wɔrebɛfa Haman akɔ Ɛster apontoɔ a wasiesie no ase.
<- Ɛster 5Ɛster 7 ->
Languages