27
Asahene Ne Wɔn Akuo
1 Israelfoɔ akuo ahodoɔ no nie—mmusuapanin, asahene ne asraafoɔ mpanimfoɔ a na wɔhwɛ asraafoɔ akuo ahodoɔ so de som ɔhene, a ekuo biara kɔ adwuma bosome baako wɔ afe mu. Na ɛdɔm a wɔwɔ ekuo biara mu nso dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). Wɔn edin na ɛdidi soɔ yi:
2 Sabdiel babarima Yasobeam na na ɔyɛ ekuo a ɛdi ɛkan no sahene, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛdi ɛkan wɔ afe no mu. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). 3 Na ɔyɛ Peres aseni a na ɔhwɛ asraafoɔ mpanimfoɔ no nyinaa so bosome a ɛdi ɛkan no mu.
4 Dodai a na ɔyɛ Ahoa aseni na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so mmienu a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so mmienu mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000), a na Miklot yɛ nʼabadiakyire.
5 Ɔsɔfoɔ Yehoiada babarima Benaia na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so mmiɛnsa a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). 6 Saa Benaia yi na na ɔhwɛ Dawid asraafoɔ akunini kuo, a na wɔfrɛ wɔn Akofoɔ Akɛseɛ Aduasa no so. Ne babarima Amisabad na na ɔyɛ nʼabadiakyire.
7 Yoab nuabarima Asahel na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so ɛnan, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so ɛnan mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). Asahel babarima Sebadia na ɔdii nʼadeɛ.
8 Samhut a ɔyɛ Yisrahini na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so enum, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so enum mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000).
9 Ikes babarima Ira a ɔfiri Tekoa no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so nsia, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so nsia mu no sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000).
10 Heles a na ɔyɛ Efraim aseni a ɔfiri Pelon no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so nson, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so nson mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000).
11 Sibekai a na ɔyɛ Sera aseni a ɔfiri Husa no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so nwɔtwe, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so nwɔtwe mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000).
12 Abieser a na ɔfiri Anatot a ɛda Benyamin asase so no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so nkron, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so nkron mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000).
13 Maharai a ɔyɛ Serah aseni a ɔfiri Netofa no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so edu, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so edu mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000).
14 Benaia a ɔfiri Piraton a ɛwɔ Efraim no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so dubaako, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so dubaako mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000).
15 Heldai a ɔyɛ Otniel a ɔfiri Netofa aseni no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so dumienu, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so dumienu mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000).
Mmusuakuo No Ntuanofoɔ
16 Mmusuakuo no ne wɔn ntuanofoɔ nie:
Ruben abusuakuo: Sikri babarima Elieser;
Simeon abusuakuo: Maaka babarima Sefatia;
17 Lewi abusuakuo: Kemuel babarima Hasabia
Aaron (asɔfoɔ no) abusuakuo: Sadok;
18 Yuda abusuakuo: Dawid nuabarima Elihu;
Isakar abusuakuo: Mikael babarima Omri;
19 Sebulon abusuakuo: Obadia babarima Yismaia;
Naftali abusuakuo: Asriel babarima Yerimot;
20 Efraim abusuakuo: Asasia babarima Hosea;
Manase (atɔeɛ fam) abusuakuo: Pedaia babarima Yoɛl;
21 Manase (apueeɛ fam) abusuakuo Sakaria babarima Ido;
Benyamin abusuakuo: Abner babarima Yaasiel;
22 Dan abusuakuo: Yeroham babarima Asarel.
Yeinom ne Israel mmusuakuo no ne wɔn ntuanofoɔ.
23 Ɛberɛ a Dawid ma wɔkanee nnipa no, wɔankan wɔn a wɔnnii mfeɛ aduonu, ɛfiri sɛ, na
Dawid Ahennie Mu Mpanimfoɔ
25 Adiel babarima Asmawet na na ɔhwɛ ahemfie sikakorabea so.
Usia babarima Yonatan no na na ɔhwɛ ɔmantam no sikakorabea a ɛwowɔ nkuro, nkuraaseɛ ne aban a ɛwɔ Israel nyinaa so.
26 Kelub babarima Esri na na ɔhwɛ apaafoɔ a na wɔdɔ ɔhene mfuo so.
27 Simei a na ɔfiri Rama na na ɔhwɛ ɔhene bobe mfuo so.
Sabdi a ɔfiri Sifim na na ɔhwɛ aba a wɔde yɛ nsã ne nsã a wɔayɛ so.
28 Baal-Hanan a ɔfiri Geder no na na ɔhwɛ ɔhene ngo nnua ne akyee nnua a na ɛwɔ Yuda bepɔ ase no so.
Yoas na na ɔhwɛ ma wɔyɛ ngo.
29 Sitrai a ɔfiri Saron na na ɔhwɛ anantwie a na wɔwɔ Saron ɛserɛ so no so.
Adlai babarima Safat na na ɔhwɛ anantwie a wɔwɔ bɔnhwa ahodoɔ mu no so.
30 Ismaelni Obil na na ɔhwɛ nyoma so.
Yehdia a ɔfiri Meronot na na ɔhwɛ mfunumu so.
31 Yasis a ɔfiri Hagar na na ɔhwɛ ɔhene nnwan so.
Saa mpanimfoɔ yi nyinaa na na wɔhwɛ ɔhene Dawid agyapadeɛ so.
32 Yonatan a na ɔyɛ Dawid wɔfa no yɛɛ ɔfotufoɔ nyansafoɔ maa ɔhene. Na ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ a ɔwɔ nhunumu.
Na Hakmoni babarima Yehiel na na ɔkyerɛ ɔhene mmammarima adeɛ.
33 Ahitofel na na ɔyɛ ɔhene ɔfotufoɔ.
Na Husai a ɔfiri Arki yɛ ɔhene adamfo.
34 Benaia babarima Yehoiada na ɔdii Ahitofel adeɛ na Abiatar bɛtoaa adedie no so.
Languages