1 Yei akyiri no, Dawid ko dii Gat ne nkuro a atwa ho ahyia no so nkonim, de kaa Filistifoɔ no hyɛeɛ, brɛɛ wɔn ase. 2 Bio, Dawid dii Moab asase no so nkonim, ma Moabfoɔ no bɛyɛɛ Dawid nkoa a na wɔtua apeatoɔ ma no.
3 Afei, Dawid tɔree ɔhene Hadadeser a ɔfiri Soba akodɔm ase, de kɔsii Hamat wɔ ɛberɛ a Hadadeser bɔɔ nsra wɔ Asubɔnten Eufrate ho sɛ anka ɔrehyɛ ne tumi mu den no. 4 Dawid ko gyee nteaseɛnam apem, nteaseɛnamkafoɔ mpem nson ne nammɔntwa asraafoɔ ɔpeduonu. Afei, ɔtwitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ no nyinaa nantin ntini, ma ɛkaa ɔha pɛ.
5 Ɛberɛ a Aramfoɔ firi Damasko baa sɛ wɔrebɛboa Hadadeser no, Dawid kunkumm wɔn mu ɔpeduonu mmienu. 6 Afei, ɔde asraafodɔm guu Damasko, Aram ahenkuro mu, ma Aramfoɔ no bɛyɛɛ Dawid nkoa a na wɔbrɛ no apeatoɔ. Baabiara a Dawid bɛkɔ no,
9 Ɛberɛ a Hamathene Toi tee sɛ Dawid atɔre Sobahene Hadadeser akodɔm ase no, 10 ɔsomaa ne babarima Hadoram ma ɔkɔɔ Dawid nkyɛn kɔmaa no amo wɔ ne nkonimdie no ho. Na Hadadeser ne Tou atane wɔn ho akyɛre, a na akokoakoko aba wɔn ntam. Yoram kɔkyɛɛ Dawid sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ bebree.
11 Ɔhene Dawid hyiraa saa akyɛdeɛ yi nyinaa so maa
12 Seruia babarima Abisai kunkumm Edomfoɔ mpem dunwɔtwe wɔ Nkyene Bɔnhwa no mu. 13 Ɔde asraafoɔ duaduaa Edom nyinaa, ma Edomfoɔ nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa. Yei yɛ sɛdeɛ
14 Dawid dii ɔhene wɔ Israel nyinaa so, na ɔne obiara tenaa yie.
Languages