1 Afei, Dawid sisii adan bebree wɔ Dawid kurom. Bio, ɔsiesiee baabi, sii ntomadan wɔ hɔ a ɔde Onyankopɔn Apam Adaka no bɛsi. 2 Afei, ɔhyɛɛ sɛ, “Sɛ yɛma Onyankopɔn Apam Adaka no so de rekɔ a, obiara nni ho kwan sɛ ɔsoa bi agye Lewifoɔ no nko ara.
3 Afei, Dawid frɛɛ Israelfoɔ nyinaa kɔɔ Yerusalem sɛ wɔmfa
11 Afei, Dawid frɛɛ asɔfoɔ Sadok ne Abiatar ne saa Lewifoɔ mpanimfoɔ yi: Uriel, Asaia, Yoɛl, Semaia, Eliel ne Aminadab. 12 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo na moyɛ Lewifoɔ mmusua mu ntuanofoɔ. Mo ne Lewifoɔ a wɔka mo ho nyinaa nnwira mo ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛtumi de
16 Dawid hyɛɛ Lewifoɔ mpanimfoɔ no nso sɛ, wɔnte Lewifoɔ nnwomtofoɔ kuo, wɔn a wɔnim nnwontoɔ, ne wɔn a wɔwɔ nnwontoɔ ho nimdeɛ na wɔmfa mmɛnta, mmɛn, asankuten ne kyankyan mmɛto anigyeɛ nnwom.
17 Na Lewifoɔ no yii Yoɛl babarima Heman, Berekia babarima Asaf ne Kusaia babarima Etan a wɔfiri Merari abusua mu, ma wɔdii nnwomtofoɔ no anim. 18 Wɔyii saa mmarima yi sɛ wɔn aboafoɔ: Sakaria, Ben, Yaasiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Benaia, Maaseia, Matitia, Elifelehu, Mikneia ne apono ano ahwɛfoɔ Obed-Edom ne Yeiel.
19 Wɔyii Heman, Asaf ne Etan sɛ wɔmmɔ kɔbere mfrafraeɛ kyankyan no. 20 Wɔyii Sakaria, Asiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Maaseia ne Benaia sɛ wɔmmɔ mmɛnta no. 21 Wɔyii Matitia, Elifelehu, Miknela, Obed-Edom, Yeiel ne Asasia sɛ wɔmmɔ asankuten no. 22 Wɔyii Kenania a ɔyɛ Lewifoɔ panin no sɛ ɔnna nnwontokuo no ano, ɛsiane ne nimdeɛ enti.
23 Wɔyii Berekia ne Elkana sɛ wɔnwɛn Apam Adaka no. 24 Sebania, Yosafat, Netanel, Amasai, Sakaria, Benaia ne Elieser a wɔn nyinaa yɛ asɔfoɔ no na wɔbɛto santen adi Onyankopɔn Apam Adaka no anim, ahyɛn ntotorobɛnto no. Wɔyii Obed-Edom ne Yehia nso sɛ wɔnwɛn Apam Adaka no.
25 Afei, Dawid ne Israel mpanimfoɔ ne akodɔm asahene no de ahokeka a ɛso bi nni kɔɔ Obed-Edom fie sɛ wɔrekɔfa
29 Na ɛberɛ a
Languages