1 Afei ɔbɔfo a ɔne me kasae no san nʼakyi benyan me, sɛnea wonyan obi fi ne nna mu no. 2 Obisaa me se, “Dɛn na wuhu yi?”
5 Obuae se, “Wunnim nea eyinom yɛ ana?”
6 Enti ɔka kyerɛɛ me se, “Eyi ne
7 “Woyɛ dɛn, bepɔw kɛse ana? Serubabel anim no wobɛyɛ asase tamaa. Afei ɔde abo afɛɛfɛ no bɛba abehyia osebɔ se, ‘Onyankopɔn nhyira so! Onyankopɔn nhyira so!’ ”
8 Na
10 “Hena na obu nneɛma nketenkete mfiaseda animtiaa? Sɛ nnipa hu sɛ Serubabel kura kirebennyɛ susudua no a, wɔn ani begye.
11 Na mibisaa ɔbɔfo no se, “Saa ngonnua abien no a esisi kaneadua no nifa ne benkum no yɛ dɛn?”
12 Na mibisaa no bio se, “Ngodua mman abien a ehwie ngo a ani yɛ akokɔsrade fa sikakɔkɔɔ dorobɛn abien no mu no yɛ dɛn?”
13 Obuae se, “Enti wunnim nea eyinom yɛ ana?”
14 Nti ɔkae se, “Eyinom ne baanu a wɔasra wɔn ngo sɛ wɔnsom Awurade a odi wiase nyinaa so no.”
<- Sakaria 3Sakaria 5 ->