1 Mereka nokware sɛ Okristoni, na mʼahonim a Honhom Kronkron di no adanse kyerɛ me sɛ minni atoro. 2 Midi awerɛhow na mete daa yaw wɔ me koma mu ma me nkurɔfo. 3 Wɔn nti anka mepɛ sɛ Onyankopɔn nnome ba me so na ɔtew me fi Kristo ho. 4 Wɔyɛ Onyankopɔn manfo a wɔayi wɔn de wɔn ayɛ ne mma de wɔn asan atena nʼanuonyam mu. Ɔne wɔn yɛɛ apam no na ɔde mmara no maa wɔn; ɔkyerɛɛ ɔkwan pa a wɔfa so som maa wɔn nsa kaa bɔhyɛ no. 5 Wɔyɛ tete agyanom asefo, na esiane sɛ Kristo baa onipasu mu nti ɔyɛ wɔn aseni. Ayeyi nka Onyankopɔn a ɔyɛ ade nyinaa so tumfo no daadaa. Amen.
6 Menka sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ no amma mu, efisɛ ɛnyɛ Israelfo nyinaa na Onyankopɔn ayi wɔn sɛ ne manfo. 7 Saa ara nso na ɛnyɛ Abraham asefo nyinaa na wɔyɛ Onyankopɔn mma. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham se, “Ɛnam Isak so na wʼase bɛtrɛw.” 8 Eyi kyerɛ sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔyɛ Abraham mma, na mmom wɔn a wɔnam Onyankopɔn bɔhyɛ so woo wɔn no na wɔyɛ Abraham asefo turodoo. 9 Onyankopɔn nam saa bɔhyɛ nsɛm a ɛka se, “Ampa ara, mɛsan aba wo nkyɛn bio bere a ɛsɛ mu no, na wo yere Sara awo ɔba” no so na ɛhyɛɛ saa bɔ no.
10 Ɛnyɛ eyi nko. Rebeka mma baanu no nyinaa fii agya koro a ɔne yɛn agya Isak. 11 Na sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn nam ɔba baako so bɛma ne pɛ ada adi no nti, 12 ɔka kyerɛɛ Rebeka sɛ, “Ɔpanyin no bɛsom akumaa no.” Ɔkaa eyi ansa na ɔrewo wɔn ama wɔayɛ papa anaa bɔne. Enti na Onyankopɔn pɛ no gyina ne frɛ a ɔfrɛɛ wɔn no so, na ɛnyɛ wɔn nneyɛe so, 13 sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Medɔɔ Yakob na metan Esau” no.
14 Afei asɛm bɛn na yɛbɛka? Sɛ Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafo ana? Dabi da! 15 Efisɛ, ɔka kyerɛɛ Mose sɛ,
19 Afei obi bebisa se, “Sɛ yentumi nsiw Onyankopɔn pɛ ho kwan a, adɛn nti na ɔbɔ yɛn sobo?” 20 Onua, wone hena a wubetumi akasa akyerɛ Onyankopɔn? Kuku mmisa ne nwemfo se, “Adɛn nti na wonwen me sɛɛ?” 21 Ɔnwemfo no wɔ ho kwan sɛ ɔde dɔte no nwen nea ɔpɛ biara. Otumi nwen nkuku abien fi dɔte mu, na ɔde mu baako adi dwuma titiriw bi, na ɔde baako no nso ayɛ nea ɔpɛ biara.
22 Saa ara na ade biara a Onyankopɔn ayɛ no te. Ɔpɛɛ sɛ ɔda nʼabufuw adi na ɔma wohu ne tumi. Nanso ɔtɔɔ ne bo ase maa wɔn a anka ofi nʼabufuwhyew mu rebɛsɛe wɔn no. 23 Ɔyɛɛ eyi de kyerɛɛ sɛnea nʼanuonyam no te, bere a onyaa ayamhyehye maa wɔn a wayi wɔn dedaw sɛ wɔmmɛyɛ nʼanuonyam no fafafo. 24 Ɛnyɛ wɔn a wɔfrɛɛ wɔn fii Yudafo mu nko ara, na mmom amanamanmufo nso. 25 Wɔka wɔ Hosea nhoma mu se,
30 Afei asɛm bɛn na yɛbɛka bio? Yɛbɛka sɛ amanamanmufo a wɔanhwehwɛ trenee akyi kwan no nam gyidi so yɛɛ atreneefo; 31 Nanso Israelfo a wɔpɛɛ sɛ wɔnam mmara so di so no bɛsɔ Onyankopɔn ani mpo, Onyankopɔn annye wɔn anto mu. 32 Adɛn nti na ɛbaa saa? Efisɛ wɔpɛɛ sɛ wɔnam mmara so di so sɔ Onyankopɔn ani, nanso anka ɛsɛ sɛ wonya gyidi wɔ Onyankopɔn mu mmom. Wohintiw “hintibo” no. 33 Sɛnea wɔakyerɛw se,