4
Ɔsoro Pon A Wɔabue
1 Eyi akyi no, mehwɛ huu ɔpon a abue wɔ ɔsoro. Na nne bi akasa akyerɛ me pɛn na nnyigyei a ɛte sɛ torobɛnto no kae se,
Mfimfini hɔ na ateasefo baanan a ani tuatua wɔn anim ne wɔn akyi na wɔatwa ahengua no ho ahyia wɔ. 7 Na ɔteasefo a odi kan no te sɛ gyata; nea ɔto so abien no te sɛ nantwi ba; nea ɔto so abiɛsa no anim te sɛ onipa; na nea ɔto so anan no te sɛ ɔkɔre a ɔretu. 8 Na ateasefo baanan no mu biara wɔ ntaban asia a ani tuatua akyi ne anim nyinaa. Anadwo ne awia nyinaa na wɔto dwom se,
“Kronkron, Kronkron
ne Awurade Nyankopɔn Tumfo a
ɔtenaa hɔ na ɔwɔ hɔ na ɔrebɛba no.”
9 Saa ateasefo baanan no to nnwom de hyɛ nea ɔte ahengua no so a ɔte hɔ daa daa no anuonyam, de ma no nidi, da no ase. Sɛ wɔyɛ saa a, 10 mpanyimfo aduonu anan no butubutuw nea ɔte ahengua no so no anim som nea ɔte hɔ daa daa no. Wɔtow wɔn ahenkyɛw gu ahengua no anim ka se:
11 “Yɛn Awurade ne Nyankopɔn,
wofata sɛ wunya anuonyam, nidi ne tumi,
efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa,