Dwom 93
1 Awurade di hene, wɔde tumi ahentade ahyɛ no;
wɔde tumi ahentade ahyɛ Awurade
na wɔde ahoɔden ayɛ nʼakode.
Wɔde wiase atim hɔ pintinn;
na wɔrentumi ntutu.
2 Wʼahengua tim hɔ fi tete;
na wowɔ hɔ fi mmeresanten.
3 Awurade , po ama wɔn ho so,
po ama wɔn nne so;
po ama wɔn asorɔkye a ɛbɔ dennen no so.
4 Nea ɔwɔ tumi sen nsu akɛse mmubomu,
nea ɔwɔ tumi sen po nworoso,
5 Awurade , wo nhyehyɛe gyina hɔ pintinn;
kronkronyɛ hyɛ wo fi anuonyam