Dwom 56
Dawid dwom a ɔtoo bere a Filistifo kyeree no wɔ Gat no.
1 Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ na nnipa taa me anibere so;
da mu nyinaa womia wɔn taa no mu.
2 Wɔn a wɔbɔ me ahohora taa me da mu nyinaa;
wɔn a wɔma wɔn ho so tia me no dɔɔso.
3 Sɛ mebɔ hu a,
mede me ho bɛto wo so.
4 Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no,
mede me ho to Onyankopɔn so, na merensuro.
Dɛn na onipa desani betumi ayɛ me?
5 Da mu nyinaa wogye mʼano si bɔne;
bere biara wɔbɔ pɔw sɛ wɔbɛsɛe me.
6 Wɔbɔ pɔw, wɔtetɛw,
wɔhwɛ mʼanammɔntu,
susuw sɛ wobekum me.
7 Wɔn amumɔyɛ nti mma wɔmmfa wɔn ho nni;
Onyankopɔn, brɛ amanaman no ase wɔ wʼabufuw mu.
8 Kyerɛw me kwadwom to hɔ;
sese me nusu wɔ wo nhoma mmobɔwee no mu.
Enni nea woakyerɛw ato hɔ no mu ana?
9 Sɛ mepɛ mmoa fi wo hɔ a,
mʼatamfo bɛsan wɔn akyi.
Eyi bɛma mahu sɛ Onyankopɔn wɔ mʼafa.
10 Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no,
11 mede me ho to Onyankopɔn so; na merensuro.
Dɛn na ɔdesani betumi ayɛ me?
12 Me Onyankopɔn, mehyɛ bɔ a mahyɛ wo no ase,
mede mʼaseda afɔre bɛbrɛ wo.
13 Efisɛ, woagye me afi owu mu,
na mʼanan anhintiw,
na matumi anantew Onyankopɔn anim
wɔ nkwa hann no mu.