1 Bere a Israelfo no tenaa Sitim no, wɔn mu mmarima no bi fii ase ne Moab mmea no bɔɔ aguaman de guu wɔn ho fi. 2 Saa mmea yi too nsa frɛɛ wɔn ma wɔkɔbɔɔ afɔre maa wɔn anyame. Wodii Moabfo anyame so afɔrebɔ nnuan na wɔkotow wɔn nso. 3 Enti Baal a ɛwɔ Peor no som bɛyɛɛ ɔhyɛ maa Israelfo. Eyi maa
4
5 Enti Mose ka kyerɛɛ Israel atemmufo no no se, “Ɛsɛ sɛ mo mu biara kunkum mo nkurɔfo a wɔde wɔn ho akɔhyɛ Baal a ɛwɔ Peor no ase no nyinaa.”
6 Na Israelni bi de Midiani bea bi baa wɔn atenae hɔ maa Mose ne nnipa no nyinaa huu wɔn bere a na wogyinagyina Ahyiae Ntamadan pon no ano retwa adwo no. 7 Bere a Pinehas a ɔyɛ Eleasar babarima a na ɔyɛ ɔsɔfo Aaron nena huu eyi no, ofii wɔn mu, kɔfaa peaw kitae; 8 na odii Israelni no akyi kɔɔ ntamadan no mu. Ɔde peaw no wɔɔ ɔbarima no san de wɔɔ ɔbea no yafunu mu. Enti ɔyaredɔm a na aba Israelfo no so no to twae; 9 nanso saa bere no, na nnipa mpem aduonu anan (24,000) awuwu dedaw.
10
14 Ɔbarima a wokum no ne Midiani bea no, na ne din de Simri a na ɔyɛ Salu a otua Simeon abusuakuw ano no babarima. 15 Ɔbea no nso, na ne din de Kosbi a na ɔyɛ Midianhene babarima Sur babea.
16