1 Eyi akyi no, Yesu ne nʼasuafo dumien no kyinkyinii Galilea nkurow ne nkuraa bi ase kaa Onyankopɔn ahenni no ho asɛm a, 2 na nnipa a wodi nʼakyi no bi ne Maria Magdalene a otuu ahonhommɔne ason fii ne mu no 3 ne Yohana a ɔyɛ Kusa, Herode fi sohwɛfo panyin yere, ne Susana. Saa mmea yi ne afoforo bi na wofi wɔn ahonya mu hwɛɛ Yesu ne nʼasuafo.
4 Da bi a nnipa bebree bi fi nkurow nkurow so baa ne nkyɛn no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn abebu mu se, 5
9 Na nʼasuafo no bisaa no saa bɛ no ase no, 10 obuaa wɔn se,
11
16
19 Da bi, Yesu na ne ne nuanom pɛɛ sɛ wɔne no kasa, nanso esiane nnipakuw a na wɔatwa ne ho ahyia no nti, wɔantumi ne no ankasa. 20 Obi kɔka kyerɛɛ Yesu se ne na ne ne nuanom gyina nkyɛn hɔ baabi rehwehwɛ no.
21 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se,
22 Da bi a Yesu ne nʼasuafo te ɔkorow mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn se,
24 Asuafo no de hu ne nteɛteɛmu nyan no se, “Awurade, Awurade, yɛremem!”
25 Afei obisaa wɔn se,
26 Yesu ne nʼasuafo no twaa po no beduu Gerasefo asase a ɛne Galilea di nhwɛanim no so. 27 Yesu fii ɔkorow no mu sii fam pɛ na ɔbarima bi a ahonhommɔne ahyɛ no ma akyɛ a ɔda adagyaw na ɔnte fie, na mmom ɔte amusiei a aboda mu na ɔdeda no behyiaa no. 28 Ohuu Yesu no, ɔteɛɛ mu, kotow nʼanan ase san teɛteɛɛ mu se, “Yesu, Ɔsorosoro Nyankopɔn Ba, dɛn na wo ne me wɔ yɛ? Mesrɛ wo, nyɛ me ayayade biara.” 29 Ɔkaa saa asɛm yi, efisɛ na Yesu ateɛteɛ ahonhommɔne no sɛ womfi ne mu. Saa ahonhommɔne yi taa ka no na sɛ wɔde hama kyekyere ne nsa ne nʼanan mpo a, otumi tetew mu ma ahonhommɔne no pam no kɔ wuram.
30 Yesu bisaa no se,
32 Saa bere no na mprako bi redidi wɔ bepɔw no nkyɛn mu baabi. Ahohommɔne no srɛɛ Yesu sɛ ɔmma wɔn ho kwan na wonkowura mprako no mu. Na ɔmaa wɔn ho kwan. 33 Enti ahonhommɔne no fii ɔbarima no mu kowuraa mprako no mu ma wɔbɔɔ kirididi, sian bepɔw no koguu ɔtare no mu wuwui.
34 Wɔn a wɔhwɛ mprako no so no huu nea asi no, wɔde hu ne ahopopo tutuu mmirika kɔbɔɔ amanneɛ wɔ kurom maa asɛm no trɛw wɔ mpɔtam hɔ nyinaa. 35 Nnipa a wɔtee asɛm no bɔɔ twi kɔhwɛɛ nea asi. Woduu nea Yesu wɔ no, wohuu ɔbarima no sɛ ne ho atɔ no a ofura ntama te Yesu nkyɛn. Nnipa no nyinaa ho dwiriw wɔn. 36 Na wɔn a wohuu ɔkwan a Yesu faa so saa ɔbarima no ɔyare no bɔɔ wɔn a wɔbaa hɔ no amanneɛ. 37 Ehu hyɛɛ Gerasefo a na wɔahyia wɔ hɔ no nyinaa ma, ma wɔsrɛɛ Yesu sɛ omfi wɔn nkyɛn hɔ nkɔ. Eyi nti, Yesu kɔtenaa ɔkorow no mu san twa kɔɔ asuogya nohɔ.
38 Ansa na Yesu rebefi hɔ no, ɔbarima a otuu ahonhommɔne fii ne mu no srɛɛ no sɛ ɔne no bɛkɔ. Nanso Yesu ka kyerɛɛ no se, 39
40 Yesu duu asuogya hɔ no, nnipakuw no de anigye hyiaa no kwan, efisɛ na wɔatwɛn no abrɛ. 41 Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yairo a na ɔyɛ Yudafo hyiadan mu panyin baa ne nkyɛn bebuu no nkotodwe, srɛɛ no sɛ, ɔne no nkɔ ne fi 42 na ne babea koro a wadi bɛyɛ mfe dumien reyɛ awu.
45 Yesu bisae se,
46 Yesu buaa no se,
47 Ɔbea no huu sɛ ohintaw a ɛrenyɛ ye nti, ɔde hu ne ahopopo bebuu Yesu nkotodwe wɔ nnipa no nyinaa anim, kyerɛɛ no nea enti a osoo ne mu ne sɛnea ne ho atɔ no no. 48 Yesu ka kyerɛɛ no se,
49 Yesu gu so rekasa no, obi fi Yairo fi bɛka kyerɛɛ Yairo se, “Wo babea no anya awu enti nhaw Kyerɛkyerɛfo no bio.”
50 Yesu tee asɛm no osee Yairo se,
51 Oduu fie hɔ no, wamma obiara anka ne ho ankɔ ɔdan a abofra no da mu no mu gye Petro, Yohane, Yakobo ne abofra no awofo nko ara. 52 Na nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa resu di awerɛhow. Yesu ka kyerɛɛ wɔn se,
53 Wɔserew no dii ne ho fɛw, efisɛ na wɔn de, wonim pefee sɛ wawu. 54 Yesu soo ne nsa ka kyerɛɛ no se,