1 Da bi a Yesu reka asɛmpa wɔ Genesaret ɔtare ho no, nnipakuw bɛkyeree ne so sɛ wɔrebetie Onyankopɔn asɛm. 2 Ohuu akorow abien a apopofo bi a wɔhohoro wɔn asau wɔ mu no agyaw wɔ ɔtare no ho. 3 Yesu kɔtenaa ɔkorow no baako a na ɛyɛ Simon de no mu. Ɔka kyerɛɛ Simon se ompia nkɔ asu no mu kakra sɛnea ɛbɛyɛ a, obetumi afi hɔ akasa akyerɛ nnipa no.
4 Yesu wiee nʼasɛnka no, ɔka kyerɛɛ Simon se,
5 Simon kae se, “Owura, yɛyɛɛ adwuma anadwo mu no nyinaa yɛannya hwee, nanso wʼasɛm nti, yebegu yɛn asau no.”
6 Woguu asau no na woyii nam bebree maa anka mpo asau no retetew. 7 Wɔfrɛɛ wɔn mfɛfo a wɔwɔ ɔkorow baako no mu no ma wɔbɛboaa wɔn twee asau no. Nam no yɛɛ akorow abien no nyinaa amaama a anka ɛreyɛ amem mpo.
8 Simon Petro huu nea aba no, obuu Yesu nkotodwe kae se, “Me wura, mesrɛ wo fi me nkyɛn kɔ na meyɛ ɔdebɔneyɛni a mensɛ sɛ wobɛn me.” 9 Nam dodow a woyii no yɛɛ Petro ne ne ne dɔm no nwonwa. 10 Saa ara nso na ɛyɛɛ Yakobo ne Yohane, Sebedeo mma no nso nwonwa.
12 Da bi a Yesu wɔ kurow bi mu no, ɔbarima bi a kwata ayɛ ne honam nyinaa bɛkotow nʼanim srɛɛ no sɛ, “Owura, mesrɛ wo, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, sa me yare.”
13 Ɛhɔ ara Yesu teɛɛ ne nsa de kaa no kae se,
14 Yesu hyɛɛ no se,
15 Yesu anwonwadwuma a ɔyɛe yi maa ne ho asɛm trɛw mpɔtam hɔ nyinaa maa nnipa bebree betiee no pɛɛ sɛ ɔsa wɔn yare nso. 16 Nanso na ɔtaa twe ne ho kɔ sare so kɔbɔ mpae.
17 Bere bi a Yesu rekyerɛkyerɛ no, na Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo bi a wofi Galilea ne Yudea nkurow ahorow so ne Yerusalem nso wɔ hɔ bi a wɔretie no. Saa bere no, na Onyankopɔn ayaresa tumi ahyɛ no ma. 18 Mmarima bi baa hɔ a wɔso obubuafo bi. 19 Esiane sɛ na wontumi mfa nnipakuw no mu nkɔ Yesu nkyɛn nti, wɔforoo ɔdan a Yesu wɔ mu no kotuu atifi tokuru, de obubuafo a ɔda ne kɛtɛ so no faa mu gyaagyaa no brɛoo, kɔtoo Yesu anim.
20 Yesu huu gyidi a wɔwɔ no, ɔka kyerɛɛ ɔyarefo no se,
21 Farisifo no ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no tee asɛm a Yesu kae no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Hena ne saa onipa yi a ɔreka abususɛm yi? Hena na otumi sɛ ɔde bɔne kyɛ ka Onyankopɔn ho?”
22 Esiane sɛ Yesu huu nea wodwinnwen no nti, obuaa wɔn se,
27 Eyi akyi no, Yesu fii hɔ kohuu ɔtowgyeni Lewi sɛ ɔte atowgyei. Ohuu no no, ɔka kyerɛɛ no se,
29 Akyiri no, Lewi too pon wɔ ne fi maa Yesu. Towgyefo ne nnipa ahorow bebree kɔɔ aponto no ase. 30 Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no huu sɛ Yesu ne saa nnipa no ato nsa redidi no, wonwiinwii bisaa no se, “Adɛn nti na wo ne towgyefo ne nnebɔneyɛfo ato nsa redidi?”
31 Yesu buaa wɔn se,
33 Nnipa no kɔɔ so bisaa no bio se, “Adɛn nti na Osuboni Yohane asuafo ne Farisifo asuafo no de, wɔtaa di mmuada, na wʼasuafo de, daa wodidi na wɔnom?”
34 Yesu nso bisaa wɔn se,
36 Yesu buu wɔn bɛ yi se,