1 Kaesare Tiberio dii ade ne mfe dunum so na Onyankopɔn asɛm baa Sakaria ba Yohane so wɔ sare so. 2 Saa bere no na Pilato yɛ amrado wɔ Yudea, na Herode di Galilea mansinhene; ne nua Filipo di Iturea ne Trakoniti mansin so, na Lisania di Abilene mansinhene, na Anas ne Kaiafa nso yɛ Yudafo asɔfo mpanyin. 3 Yohane kyinkyinii Asubɔnten Yordan ho nyinaa kyerɛkyerɛɛ nnipa se, wɔmma wɔmmɔ wɔn asu nsakra mfi wɔn bɔne ho, na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn. 4 Sɛnea Odiyifo Yesaia kae se,
7 Yohane ka kyerɛɛ nkurɔfo a wɔbaa hɔ se ɔmmɔ wɔn asu no se, “Awɔ mma! Hena na ɔbɔɔ mo kɔkɔ sɛ munguan mfi abufuwhyew a ɛreba no ho? 8 Monkɔbɔ ɔbra pa mfa nkyerɛ sɛ moasakra ampa. Na monnhoahoa mo ho sɛ moyɛ Abraham asefo, efisɛ Onyankopɔn betumi ama saa abo yi adan nnipa ma wɔabɛyɛ Abraham asefo. 9 Onyankopɔn de nʼabonnua ato dua biara a ɛnsow aba pa ntin ho sɛ ɔde betwa na ɔde agu gya mu ahyew no.”
10 Nnipakuw no bisaa no se, “Na ɛno de, dɛn na yɛnyɛ?”
11 Yohane buaa wɔn se, “Sɛ wowɔ ntama abien a, ma nea onni bi no baako. Saa ara nso na sɛ wowɔ aduan a, ma nea onni bi no bi.”
12 Towgyefo[b] a wɔbaa hɔ sɛ wɔmmɔ wɔn asu no nso bisae se, “Kyerɛkyerɛfo, yɛnyɛ dɛn?”
13 Obuaa wɔn se, “Munnnye mmmoro nea wɔatwa ato hɔ sɛ munnye no.”
14 Asraafo[c] bi nso bisae se, “Yɛn nso yɛnyɛ dɛn?”
15 Esiane sɛ saa bere no na nnipa no nyinaa rehwɛ Agyenkwa no kwan nti, na wosusuw sɛ Yohane ne Agyenkwa no. 16 Eyi maa Yohane ka kyerɛɛ wɔn se, “Me de, mede nsu na ɛrebɔ mo asu. Nanso obi di mʼakyi a ɔreba a, ɔwɔ tumi sen me na ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mikura. Ɔno de, sɛ ɔba a ɔde Honhom Kronkron ne ogya na ɛbɛbɔ mo asu. 17 Ɔno na sɛ ɔba a, obehuhuw aburow no so ayiyi mu aba pa no afi ntɛtɛ no mu, na ɔde aba pa no akosie na ɔde ogya a ennum da ahyew ntɛtɛ no.” 18 Ɔnam afotu ahorow so kaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn.
19 Yohane kaa Herode anim wɔ ne nua yere Herodia a ɔwaree no ne bɔne ahorow a na ɔyɛ no ho. 20 Eyi maa Herode de Yohane too afiase.
21 Bere a Yohane bɔɔ nkurɔfo pii asu wiee no, ɔbɔɔ Yesu nso asu. Ɔbɔɔ no asu wiee a ɔrebɔ mpae no, ɔsoro buei. 22 Honhom Kronkron sian te sɛ aborɔnoma baa Yesu so na nne bi fi ɔsoro kae se, “Wone me Dɔba a wosɔ mʼani.”
23 Yesu fii nʼadwuma ase no, na wadi bɛyɛ mfe aduasa. Nkurɔfo susuw sɛ, Yesu yɛ Yosef ba.
-
a Ansa na ɔhene bi betu kwan akɔ akyirikyiri man bi so no, wosiesie akwan a ɔbɛfa so no so. Yohane adwumayɛ mu nso ɔyɛɛ ɔbrasu ne honhom fam nsiesiei maa Agyenkwa no. Osii ahonu ne bɔnefakyɛ a ɛho hia Agyenkwa no so dua.
b Na wɔmpɛ Yudafo ananmusifo a wogye tow ma Roma aban, efisɛ na wɔboa ampɛnyamesom sodifo; na afei wosisi wɔn ankasa wɔn nkurɔfo.
c Na wɔma Yudafo akannifo no mmeae bi ne nnipakuw ahorow bi te sɛ hyiadan awɛmfo ne towgyefo asraafo kakra bammɔ. Na wɔnkasa ntia asraafo no dwumadi ne towgye, na mmom, nsɛmmɔne a asraafo ne towgyefo yɛ wɔ wɔn adwumayɛ mu no de, na wɔkasa tia.