1 Kwasida anɔpahema na mmea no de nnuhuam ne ngo no kɔɔ ɔboda no so. 2 Woduu hɔ no wohuu sɛ wɔapirew ɔbo a wɔde hinii ɔboda no ano no afi hɔ. 3 Na wɔkɔɔ ɔboda no mu no na Yesu amu no nna hɔ. 4 Wogyinagyina hɔ a wonhu nea wɔnyɛ no, mpofirim na mmarima baanu bi a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa a ani hyerɛn begyinagyinaa wɔn nkyɛn. 5 Mmea yi koma tui, na wɔkotokotow wɔn, na mmarima no bisaa wɔn se, “Adɛn nti na morehwehwɛ ɔteasefo wɔ awufo mu? 6 Onni ha. Wasɔre! Monnkae asɛm a ɔka kyerɛɛ mo bere a na ɔwɔ Galilea no se, 7
9 Na wɔde ahoɔhare fii ɔboda no so bɛkaa nea wohui no nyinaa kyerɛɛ asuafo dubaako no ne wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa. 10 Mmea a wɔkɔɔ ɔboda no so a wɔbɛkaa saa asɛm yi ne Maria Magdalene ne Yohana ne Yakobo na Maria ne afoforo bi. 11 Wɔn nsɛm a wɔbɛkae no yɛɛ wɔn sɛ anansesɛm bi nti wɔannye anni. 12 Ɛwɔ mu sɛ nnipa no annye asɛm no anni de, nanso Petro de, otuu mmirika kɔɔ ɔboda no so kɔkotow hwɛɛ mu, huu sɛ nwera a wɔde kyekyeree Yesu ho no gu hɔ. Ɔsan baa fie a na ɔnte nea ohuu no ase.
13 Da no ara asuafo no mu baanu sii mu sɛ wɔrekɔ akuraa bi a wɔfrɛ no Emaus a efi Yerusalem rekɔ hɔ no bɛyɛ sɛ akwansin ason. 14 Wɔrekɔ no nyinaa na asɛm a asi no ho nkɔmmɔ ara na wɔredi. 15 Wogu so redi nkɔmmɔ na wɔregye wɔn ho akyinnye no, Yesu bɛkaa wɔn ho ne wɔn bɔɔ anan kɔe. 16 Wohuu sɛ obi ka wɔn ho de, nanso wɔantumi anhu sɛ ɛyɛ Yesu.
17 Obisaa wɔn se,
18 Na wɔn mu baako a wɔfrɛ no Kleopa bisaa no se, “Wo nko ara ne ɔhɔho a wowɔ Yerusalem a wontee nsɛm a asisi wɔ hɔ nnansa yi?”
19 Obisaa wɔn se,
25 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se,
28 Woduu Emaus kurotia no, Yesu pɛɛ sɛ anka ɔtoa nʼakwantu no so. 29 Nanso wɔsrɛɛ no, san no sɛ ɔnna wɔn nkyɛn, na na ade reyɛ asa nti, ɔsan ne wɔn kɔɔ fie.
30 Bere a wɔte adidii no, Yesu bɔɔ mpae daa Onyankopɔn ase, faa brodo bubuu mu de maa wɔn. 31 Afei na wɔn ani so tetew wɔn ma wohuu sɛ ɛyɛ Yesu. Ɛhɔ ara na otu yerae. 32 Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “So Kyerɛwsɛm no mu nsɛm a ɔka kyerɛɛ yɛn wɔ bere a na yɛnam ɔkwan so no anka yɛn koma mpo?”
33 Ntɛm ara na wɔsan wɔn akyi baa Yerusalem bɛtoo asuafo dubaako no ne wɔn a na wɔka wɔn ho no sɛ wɔahyia. 34 Woduu hɔ no, wɔbɔɔ wɔn amanneɛ se, “Ampa ara, Awurade asɔre afi awufo mu. Wayi ne ho adi akyerɛ Simon.” 35 Baanu a wofi Emaus bae no nso bɔɔ wɔn amanneɛ sɛnea Yesu bɛtoo wɔn Emaus kwan so na wɔantumi anhu sɛ ɛyɛ ɔno kosii bere a obubuu brodo mu de maa wɔn no ansa.
36 Wogu so rebɔ amanneɛ no, prɛko pɛ na Yesu beduu hɔ, kyiaa wɔn se,
37 Wɔn nyinaa bobɔɔ piriw, wosuroe, efisɛ na wosusuw sɛ wɔahu ɔsaman. 38 Obisaa wɔn se,
40 Ɔkasa wiee no, ɔde ne nsa ne ne nan kyerɛɛ wɔn. 41 Anigyetraso ne ahodwiriw nti amma wɔannye anni sɛ ɛyɛ ɔno. Obisaa wɔn se,
44 Na ɔka kyerɛɛ wɔn se,
45 Afei obuee wɔn adwene mu ma wɔtee Kyerɛwsɛm a ɛfa ne ho no ase. 46 Ɔka kyerɛɛ wɔn se,
50 Yesu ne asuafo no bɔɔ anan koduu Betania kurotia na ɔmaa ne nsa so hyiraa wɔn. 51 Ogu so rehyira wɔn no, wɔmaa no so kɔɔ ɔsoro. 52 Na wɔsɔree no, de anigye san kɔɔ Yerusalem. 53 Na daa wɔwɔ asɔredan no mu hɔ yi Onyankopɔn ayɛ.