1 Afei, na Yudafo Apiti Afahyɛ a wɔsan frɛ no Twam Afahyɛ no abɛn. 2 Saa bere no na asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no hwehwɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so akyere Yesu akum no, nanso esiane nnipa a na wɔwɔ hɔ no nti, na wosuro. 3 Satan kowuraa Yuda a wɔfrɛ no Iskariot a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako no mu. 4 Yuda kɔɔ asɔfo mpanyin ne Asɔredan no mu awɛmfo mpanyimfo no nkyɛn ne wɔn kosusuw ɔkwan ko a ɔbɛfa so ayi Yesu ama wɔn no ho. 5 Wɔn ani gyei, penee so sɛ wɔbɛma no sika. 6 Efi saa bere no, Yuda hwehwɛɛ ɔkwan a ɔbɛfa so ama wɔakyere Yesu bere a nnipa dodow biara nni ne ho.
7 Afei, da a wokum twam guan de di brodo a mmɔkaw nni mu no duu no, 8 Yesu somaa Petro ne Yohane se,
9 Wobisaa no se, “Ɛhe na wopɛ sɛ yɛkɔyɛ aduan no?”
10 Obuaa wɔn se,
13 Wɔkɔɔ kurow no mu no, wohuu sɛnea Yesu kae no pɛpɛɛpɛ ma wɔyɛɛ twam aduan no wɔ hɔ.
14 Bere no dui no, Yesu ne nʼasuafo no kɔtenatenaa didipon no ho. 15 Wɔtete hɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se,
17 Afei Yesu faa kuruwa, daa Onyankopɔn ase na ɔde maa nʼasuafo no kae se,
19 Afei, ɔfaa brodo daa Onyankopɔn ase, bubuu mu de maa nʼasuafo no kae se,
20 Saa ara nso na adidi no akyi no, ɔfaa kuruwa kae se,
24 Asuafo no gyee wɔn ho akyinnye pɛɛ sɛ wohu wɔn mu nea ɔbɛyɛ ɔkɛse wɔ Onyankopɔn ahenni a ɛbɛba no mu. 25 Yesu tee no, ɔkae se,
31 Afei Awurade kae se,
33 Petro buaa no se, “Awurade, ɛyɛ me pɛ sɛ me ne wo bɛda afiase, na sɛ ɛyɛ owu mpo nso a, me ne wo bewu.”
34 Yesu nso buaa no se,
35 Afei Yesu bisaa nʼasuafo no se,
36 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se,
38 Asuafo no ka kyerɛɛ Yesu se, “Awurade, yɛwɔ afoa abien wɔ ha.”
39 Yesu ne nʼasuafo no fii kurow no mu kɔɔ Ngo Bepɔw no so sɛnea ɔtaa yɛ no, na nʼasuafo no ka ne ho. 40 Woduu hɔ no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se,
45 Mpaebɔ no akyi no, ɔkɔɔ asuafo no nkyɛn kɔtoo wɔn sɛ awerɛhow ne ɔbrɛ nti, wɔadeda. 46 Ɔkae se,
47 Yesu gu so rekasa no, nnipadɔm bi a Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako di wɔn anim baa ne so. Yuda Iskariot twiw bɛn Yesu few nʼafono. 48 Yesu bisaa no se,
49 Bere a asuafo a wɔwɔ ne ho no huu nea ɛreba no, wobisaa no se, “Awurade, yentwitwa wɔn afoa ana?” 50 Asuafo no mu baako twaa Ɔsɔfopanyin no somfo no aso nifa.
51 Yesu ampɛ nea osuani no yɛe no nti, ɔka kyerɛɛ wɔn se,
52 Yesu bisaa asɔfo mpanyin ne asɔredan sohwɛfo mpanyin ne Yudafo mpanyimfo ne asomfo a wɔbaa ne so no se,
54 Afei wɔkyeree Yesu de no kɔɔ Ɔsɔfopanyin fi. Bere a wɔde no rekɔ no, Petro gyee ne ho kaa akyi. 55 Petro duu Ɔsɔfopanyin no fi hɔ no na asraafo no asɔ ogya wɔ adiwo hɔ a wɔreto; ɔno nso kɔtoo bi. 56 Abaawa bi huu Petro sɛ ɔreto gya no bi no, ɔhwɛɛ no dinn kae se, “Saa ɔbarima yi yɛ Yesu akyidifo no mu baako.”
57 Petro san se, “Awuraa, minnim saa ɔbarima yi baabiara.”
58 Ankyɛ koraa na obi foforo nso huu no kae se, “Woyɛ nʼakyidifo no mu baako.”
59 Ɛbɛyɛ dɔnhwerew akyi no, obi foforo nso san huu no ka sii so dua se, “Akyinnye biara nni ho sɛ saa damfo yi ka Yesu asuafo no ho, efisɛ ɔno nso yɛ Galileani, na ne kasa koraa da no adi.”
60 Petro san ne mprɛnsa so se, “Owura, asɛm a woreka yi nyɛ nokware.” Nʼano ansi koraa na akokɔ bɔnee. 61 Saa bere no ara mu na Yesu twaa nʼani hwɛɛ Petro anim. Ɛhɔ ara na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no se,
63 Mmarima a na wɔrewɛn Yesu no dii ne ho fɛw, kyekyeree nʼani, bobɔɔ no, 64 san bisaa no se, “Odiyifo, hena na ɔbɔɔ wo? Kyerɛ yɛn.” 65 Wɔkɔɔ so yeyaw no kaa abususɛm ahorow guu ne so.
66 Ade kyee no, Yudafo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no hyia ma wɔde Yesu baa wɔn anim 67 bisaa no se, “Sɛ wone Kristo no a ka kyerɛ yɛn.”
70 Ɔkaa saa no wɔn nyinaa bisaa no bio se, “Ɛno de, na wone Onyankopɔn Ba no ana?”
71 Eyi ma wɔkae se, “Adanse bɛn na ehia yɛn bio? Yɛate afi ɔno ankasa anom.”
<- Luka 21Luka 23 ->