1 Aaron mmabarima baanu a wowuwuu wɔ
3 “Sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ hɔ a, nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ ni: Ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba ba ma wɔde bɔ bɔne ho afɔre na ɔde odwennini nso ba ma wɔde bɔ ɔhyew afɔre. 4 Ɛsɛ sɛ oguare na ɔhyɛ atade hanahana ne ne nhyɛase na ɔbɔ nkyekyeremu ne abotiri. 5 Afei, Israelfo bɛbrɛ no mmirekyi abien a wɔde bɛbɔ wɔn bɔne ho afɔre ne odwennini a wɔde bɛbɔ wɔn ɔhyew afɔre.
6 “Ɛsɛ sɛ Aaron de nantwi ba no bɛma
11 “Aaron de nantwinini ba no bɛbɔ bɔne ho afɔre ama ne ho ne ne fifo. 12 Ɛsɛ sɛ ɔfa ade a wɔhyew aduhuam wɔ mu a nnyansramma a wɔfaa wɔ
15 “Afei, ɛsɛ sɛ ofi adi na ɔde abirekyi no kɔbɔ ɔmanfo no bɔne ho afɔre na wɔde ne mogya no ba ntwamtam no akyi na wɔpete gu mpata hɔ ne anim sɛnea ɔde nantwinini ba no mogya no yɛe no ara pɛ. 16 Na ɛkyerɛ sɛ wayɛ mpata ama beae kronkron hɔ, efisɛ Israelfo bɔne ama efi aka beae hɔ ne Ahyiae Ntamadan no a wɔasi wɔ wɔn mfimfini hɔ no. 17 Sɛ Aaron wura Ahyiae Ntamadan no mu kɔ kronkronbea hɔ rekɔyɛ mpata adwuma no a, ɛnsɛ sɛ obiara kɔ hɔ bi, gye sɛ ɔyɛ mpata no ma ne ho ne ne fifo ne Israelfo nyinaa wie.
18 “Afei, ɔbɛkɔ afɔremuka no ho wɔ
20 “Sɛ owie mpata a ɛfa kronkronbea hɔ ne Ahyiae Ntamadan no ho nsɛm nyinaa ne afɔremuka no ho a, ɔde abirekyi no bɛba anikann. 21 Na ɔde ne nsa abien agu aboa no apampam, na waka atirimɔden ne atuatew a Israelfo ayɛ, wɔn bɔne nyinaa de agu abirekyi no apampam, na obi a wɔayi no sɛ ɔnyɛ saa adwuma no de aboa no bɛkɔ sare so. 22 Enti abirekyi no bɛsoa nnipa no bɔne nyinaa de akɔ asase a obi nte so no so na nipa no agyaa no wɔ sare so hɔ.
23 “Afei, Aaron bɛkɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ bio akɔworɔw nʼatade hanahana a ɔhyɛɛ wɔ ntwamtam no akyi no na wagyaw wɔ hɔ. 24 Ɔbɛkɔ akoguare wɔ faako a wɔatew hɔ ho na wahyɛ ne ntade no bio na wafi adi akɔbɔ ɔno ankasa ɔhyew afɔre asan abɔ ɔhyew afɔre ama nnipa no na wayɛ mpata ama ne ho ne wɔn. 25 Ɔbɛhyew srade de abɔ bɔne ho afɔre wɔ afɔremuka no so.
26 “Akyiri no, ɔbarima a ɔde abirekyi no kɔɔ sare so kogyaa no no bɛhoro ne ntama na waguare na wasan aba beae hɔ bio. 27 Na nantwi ba ne abirekyi a wɔde bɔɔ bɔne ho afɔre no a Aaron de wɔn mogya kɔɔ kronkronbea hɔ kɔyɛɛ mpata no, wɔde wɔn bɛkɔ nsraban no akyi baabi akɔhyew a wɔn ho nwoma ne wɔn ayamde ka ho. 28 Akyiri no, onipa a ɔrebɛhyew afɔrebɔde no bɛhoro ne ntama, aguare na wasan akɔ beae hɔ bio.
29 “Eyi yɛ mmara a ɛwɔ hɔ daa. Ɔsram a ɛto so ason no nnafua du so no, ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara, na mmom, momfa saa da no nkari mo ho nhwɛ wɔ ahobrɛase mu. Saa mmara yi ka wɔn a wɔwoo wɔn wɔ asase yi so anaa ahɔho a wɔne Israelfo te; 30 efisɛ da yi na wɔde kae mo mpata ne mo ahodwira wɔ mo bɔne ho wɔ
34 “Eyi bɛyɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa ama mo, na Israelfo bɔne nti, moagyina so afe biara de ayɛ mpata ama Israelfo afi wɔn bɔne nyinaa mu.”