1 Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose se, 2 “Da a wobedwira ɔkwatani ho no, ɛho mmara ni: Wɔde no bɛkɔ akɔma ɔsɔfo, 3 na ɔsɔfo no ahwɛ no wɔ nsraban no akyi. Na sɛ ɔsɔfo no hu sɛ kwata no agyae a, 4 obebisa nnomaa abien bi a wɔwe, na afei wɔde sida dua, koogyan hama ne adwerɛ mman a wɔde bɛyɛ ahodwira ahyɛde ama ɔkwatani no abrɛ no. 5 Ɔsɔfo no bɛka ama wɔakum nnomaa no mu baako wɔ asanka a nsu wɔ mu so. 6 Na anomaa a wonnya nkum no no nso, wɔde ɔno ne sida dua no ne koogyan hama no ne adwerɛ mman no bɛhyɛ anomaa a wokum no no mogya no mu. 7 Na ɔsɔfo no apete mogya no agu ɔkwatani a ne ho afi no so mpɛn ason, na wapae mu aka se ne ho atew na wagyaa anomaa a wonkum no no.
8 “Na ɔyarefo a ne ho atɔ no no bɛhoro ne ntama nyinaa. Obeyi ne ho nwi nyinaa nso. Obeguare na wasan abɛtena faako a kan no na ɔte hɔ no bio; nanso ɛsɛ sɛ ɔtena ne ntamadan akyi nnanson. 9 Nnanson no so no, obeyi ne ho nwi nyinaa bio, obeyi nʼabogyesɛ ayi nʼanintɔn nwi na wayi ne ho nwi a aka nyinaa, na waguare, na afei wɔapae mu aka sɛ ne ho atew.
10 “Da a edi so a ɛyɛ nnaawɔtwe so no, ɔbɛfa adwennini abien a wɔn ho nni dɛm ne oguamma bere baako a ɔno nso ho nni dɛm, asikresiam muhumuhu lita asia ne fa a wɔde ngo afra ne ngo a wɔmfa mfraa hwee lita fa. 11 Afei ɔsɔfo a ɔbɛhwehwɛ ɔyarefo no ho ahwɛ sɛ ne ho atɔ no no de onipa no ne nʼafɔrebɔde bɛba
12 “Ɔsɔfo no bɛfa nguantenmma no baako ne ngotoa baako no na ɔde ama
19 “Afei, ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no bɔ bɔne afɔre na ɔsan yɛ mpata ho ade ma onipa a wɔrehohoro ne ho afi ne kwata mu no ho; ɛno akyi no, ɔsɔfo no bekum ɔhyew afɔrebɔde no 20 na ɔde abɔ ɛne atoko afɔre wɔ afɔremuka no so de ayɛ mpata ama ɔbarima no na afei, wapae mu aka sɛ ne ho afi no.
21 “Sɛ ɔyɛ ohiani a ɔrentumi ntɔ nguamma abien no a, ɛno de, ɔde oguamma nini baako bɛbɔ afɔdi afɔre no de ama
23 “Da a ɛto so awotwe no, ɔde ne nyinaa bɛkɔ akɔma ɔsɔfo no wɔ Ahyiae Ntamadan no ano na ɔsɔfo no de adwira no wɔ
32 Eyinom ne mmara a ɛfa wɔn a wɔtew wɔn ho ma wɔn ho fi kwata mu nanso wontumi mfa afɔrebɔde a ɛho hia no nyinaa mma no.
33 Afei,
43 “Na sɛ nsisii no ba bio a, 44 ɔsɔfo no bɛba bio abɛhwɛ na sɛ ohu sɛ nsisii no atrɛtrɛw a, na ɛyɛ kwata na ɛkyerɛ sɛ ofi no ho ntew. 45 Sɛ ɛba saa a, ɔbɛhyɛ ama wɔabubu ofi no agu. Wɔbɛtwe mmubui no mu abo, nnua ne dɔte no nyinaa afi kurow no mu de akogu kurow no akyi baabi a ɛhɔ ntew.
46 “Obiara a obewura ofi a wɔato mu no mu no ho ntew kosi anwummere. 47 Na obiara a ɔbɛda hɔ anaa obedidi wɔ fie hɔ no bɛhoro ne nneɛma nyinaa.
48 “Na sɛ wɔsra ofi no ho bio na ɔsɔfo no bɛhwɛ na nsisii no mmaa bio a, ɔbɛpae mu aka se wɔatew ofi no ho na kwata no nso kɔ. 49 Obedi ofi no ahodwira ho dwuma. Ɔde nnomaa abien, sida dua, asaawa kɔkɔɔ ne adwerɛ mman na ebedi saa dwuma no. 50 Obekum nnomaa no baako wɔ nsu pa a ɛwɔ asanka mu so, 51 na ɔde sida dua no ne adwerɛ mman ne hama kɔkɔɔ ne anomaa a wonkum no no anu anomaa a wɔakum no nsu pa no so no mogya mu na wɔde apete ofi no mpɛn ason. 52 Wɔyɛ eyi de tew ofi no ho. 53 Afei, obegyaa anomaa a onwui no ama watu akɔ kurow no akyi baabi. Eyi ne ɔkwan a wɔfa so de yɛ mpata de ma ofi san de dwira ho no.”
54 Eyinom ne mmara a ɛfa mmeaemmeae a kwata ba hɔ no ho. 55 Sɛ ɛyɛ atade mu anaa ofi mu, 56 anaa ɔhonam ani ahonhon, anaa ɔhyehyew mu mpumpunnya anaa ɔhonam ani baabi a ɛhɔ ayɛ hyerɛnn. 57 Saa ɔkwan yi so na wɔbɛfa ahu sɛ ɛyɛ kwata anaa ɛnyɛ kwata.