1 Bere a Amorifo ahemfo nyinaa a wɔwɔ Yordan atɔe fam ne Kanaanfo ahemfo a wɔwɔ Po Kɛse no mpoano tee sɛ
2 Saa bere no,
4 Na ɛsɛ sɛ Yosua twitwa wɔn twetia, efisɛ mmarima a na wɔanyinyin a wotumi ko bere a wofii Misraim no nyinaa awuwu wɔ sare no so. 5 Nnipa a wotu fii Misraim bae no, na wɔatwitwa wɔn nyinaa twetia, nanso wɔn a wɔwowoo wɔn wɔ sare no so wɔ akwantu bere no mu no de, na wontwitwaa wɔn twetia ɛ. 6 Israelfo no kyinkyinii wɔ sare no so mfe aduanan kosii sɛ mmarima a wotumi ko bere a wɔrefi Misraim no nyinaa wuwui. Efisɛ wɔyɛɛ asoɔden maa
9 Afei,
10 Bere a Israelfo no wɔ Gilgal atenae hɔ wɔ Yeriko asase pradada no so no, wodii Twam Afahyɛ no wɔ ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan no anwummere. Saa ɔsram no na wɔde kae bere a wotu fii Misraim no. 11 Da no ara, wofii ase dii apiti ne aburow a wɔatoto a wotwa fii asase no so. 12 Mana amma da no na wɔanhu bi nso bio. Enti, efi saa bere no, Israelfo no dii Kanaan asase no so nnɔbae.
13 Bere a Yosua rebɛn Yeriko kuropɔn mu no, ɔpagyaw nʼani huu ɔbarima bi a okura afoa rehyia no. Yosua kɔɔ ne nkyɛn bisaa no se, “Wowɔ yɛn afa anaa woyɛ ɔtamfo?”
14 Na ɔbarima no buaa se, “Menyɛ wɔn mu biara, meyɛ
15