1 Afei, Yosua somaa akwansrafo baanu wɔ kokoa mu fii Israelfo atenae a ɛwɔ Sitim. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔsra asase a ɛda Yordan agya no, ne titiriw nea atwa Yeriko ho ahyia no.” Enti, mmarima baanu no sii mu koduu oguamanfo bi a ne din de Rahab fi, na wɔtenaa hɔ anadwo no.
2 Obi kɔka kyerɛɛ Yerikohene se, “Anadwo yi ara, Israelfo no bi aba ha a wɔrebɛsra asase yi.” 3 Enti Yerikohene soma kɔɔ Rahab nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Fa mmarima a wɔabɛsoɛ wo no ma yɛn. Wɔyɛ akwansrafo a wɔrebɛsra yɛn asase yi ahwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so atow ahyɛ yɛn so.”
4 Rahab a na ɔde mmarima baanu no asie no buae se, “Mmarima no baa me ha de, nanso minnim faako a wofi bae. 5 Ade reyɛ asa a wɔrebɛtoto kuropɔn no apon mu no na wɔkɔe, nso manhu faako a wɔfae. Sɛ moyɛ ntɛm tiw wɔn a, ebia, mobɛto wɔn.” 6 (Nanso, na ɔde wɔn akɔhyɛ ɔdan atifi, akohintaw ɔfo a waboa ano akuwakuw ase.) 7 Enti, ɔhene asomafo no sii mu sɛ wɔrekɔhwehwɛ akwansrafo no wɔ ɔkwan a ɛkɔ Asubɔnten Yordan asutwabea hɔ. Asomafo no fi hɔ ara pɛ na wɔtotoo kuropɔn no apon mu.
8 Ansa na akwansrafo no rebɛda anadwo no, Rahab kɔɔ ɔdan no atifi ne wɔn kɔkasae se, 9 “Minim sɛ
12 “Enti momfa
14 Mmarima no penee so kae se, “Yɛde yɛn nkwa si yɛn bɔhyɛ so. Sɛ woanyi yɛn amma na sɛ
15 Esiane sɛ wosii Rahab fi sii kurow no fasu so nti, ɔde hama sian wɔn faa mfɛnsere mu maa wosii fam. 16 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Munguan mfa bepɔw so man no so. Momfa mo ho nsie nnansa kosi sɛ atiwfo no a wɔrehwehwɛ mo no bɛsan wɔn akyi ansa na moakɔ mo kwan.”
17 Ansa na mmarima no bɛkɔ no, wɔka kyerɛɛ no se, “Yɛbɛbɔ mo nkwa ho ban 18 na mmom, gyaw hama kɔkɔɔ a ɛsɛn wo mfɛnsere ano no na ma wʼabusuafo a ɛyɛ wʼagya, wo na, wo nuabarimanom ne wɔn abusuafo nyinaa mmɛhyɛ ofi no mu a wɔnnkɔ baabiara. 19 Sɛ wopue si abɔnten a, wobekum wɔn nyinaa na obi ntumi mmɔ yɛn sobo sɛ yɛabu yɛn ntam so. Na yɛka ntam sɛ, obiara a ɔhyɛ ofi yi mu no, wɔrenkum no. Obiara nso renteɛ ne nsa wɔ wɔn so. 20 Na sɛ wudi yɛn huammɔ de a, ntam yi nnkyekyere yɛn ɔkwan biara so.”
21 Ɔbea no buae se, “Mepene mo nhyehyɛe no nyinaa so.”
22 Akwansrafo no kɔɔ bepɔw asase no so kɔtenaa hɔ nnansa. Atiwfo no hwehwɛɛ ɔkwan no so baabiara, san kɔɔ wɔn kurom a wɔanhu akwansrafo no wɔ baabiara. 23 Afei akwansrafo baanu no sian fii bepɔw asase no so twaa Asubɔnten Yordan bɛkaa nsɛm a ɛtoo wɔn nyinaa kyerɛɛ Yosua. 24 Wɔkae se, “Ampa ara