1 Bere a Hasorhene Yabin tee asɛm a asi no, ɔtoo ahemfo a wodidi so yi nkra denneennen: Madonhene Yobab, Simronhene ne Aksafhene; 2 ahemfo a wɔwɔ atifi fam mmepɔw so, ahemfo a wɔwɔ Yordan Bon a ɛda Galilea anafo fam; ahemfo a wɔwɔ atɔe fam nkoko so; ahemfo a wɔwɔ Nafɔt Dor atɔe fam; 3 Kanaan ahemfo a wɔwɔ apuei ne atɔe; Amorifo ahemfo ne Hetifo ahemfo ne Perisifo ahemfo ne ahemfo a wɔwɔ Yebusifo mmepɔw asase so; ne Hewifo a wɔwɔ nkurow a ɛwɔ Hermon bepɔw ase wɔ Mispa asase so. 4 Saa ahemfo yi nyinaa gyee pene, boaboaa wɔn nsraadɔm ano sɛ wɔbɛka abɔ mu ako atia Israel. Wɔn nsraadɔm no nyinaa apɔnkɔ dodow ne nteaseɛnam yɛɛ asase no so ma te sɛ mpoano nwea. 5 Wɔbɔɔ wɔn atenae wɔ asu a ɛbɛn Merom ho sɛ wɔrebɛko atia Israel.
6
7 Na Yosua ne nʼakofo kɔɔ Merom asu no ho kɔtow hyɛɛ wɔn so mpofirim. 8 Na
10 Yosua san nʼakyi begyee Hasor kurow no fae, kum ɛhɔ hene. (Na anka Hasor yɛ saa ahemman nkabom no nyinaa kuropɔn.) 11 Israelfo no sɛee biribiara a nkwa wɔ mu wɔ kuropɔn no so. Wɔannya ɔkra fua mpo. Na Yosua too Hasor kuropɔn no mu gya.
12 Yosua kunkum ahemfo a wɔaka no nyinaa ne wɔn manfo sɛee wɔn pasaa sɛnea Mose,
16 Enti Yosua ko gyee ɔmantam no nyinaa a ɛyɛ mmepɔw man, Negeb, Gosen asase, atɔe fam nkoko, Yordan Bon, Israel mmepɔw ne nsase tataw fae. 17 Enti afei, Israel nsase bɛyɛɛ nea efi Halak bepɔw a ekosi Seir wɔ atifi fam toa so kɔ Baal-Gad a ɛwɔ Bepɔw Hermon ase wɔ Lebanon bon mu. Yosua kunkum nsase no so ahemfo nyinaa, 18 wɔ mmere tenten akokoakoko mu. 19 Kurow biara nni ɔmantam yi mu a ɔne Israelfo yɛɛ asomdwoe apam gye sɛ Hewifo a wɔte Gibeon no. Wodii wɔn a aka no nyinaa so nkonim. 20
21 Saa bere no mu, Yosua tɔree Anak asefo a na wɔte bepɔw nkurow Hebron, Debir, Anab ne bepɔw man Yuda ne Israel nyinaa ase. Okum wɔn nyinaa na ɔsɛee wɔn nkurow no pasaa. 22 Wɔn mu ɔbaako koraa anka wɔ Israel asase so, mmom, wɔn mu bi kaa Gasa, Gat ne Asdod.
23 Enti Yosua faa asase no nyinaa sɛnea