4 Pilato fii adi kɔka kyerɛɛ dɔm no bio se, “Mɛsan de no abrɛ mo ama moahu sɛ minni asɛm biara a megyina so abu no fɔ.” 5 Bere a Yesu fii adi bae no, na ɔhyɛ ahenkyɛw a wɔde nsɔe anwen ne atade kɔkɔɔ. Pilato ka kyerɛɛ dɔm no se, “Onipa no ni!”
6 Bere a asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no huu Yesu no, wɔteɛteɛɛ mu se, “Bɔ no asennua mu! Bɔ no asennua mu!”
7 Yudafo no buae se, “Yɛwɔ mmara a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ owu, efisɛ ɔkae se ɔyɛ Onyankopɔn Ba.”
8 Bere a Pilato tee asɛm a wɔkae no, ɔbɔɔ hu yiye. 9 Ɔsan kɔɔ ahemfi hɔ kobisaa Yesu se, “Ɛhe na wufi?” Nanso Yesu ammua no. 10 Pilato bisaa no se, “Woremmua me ana? Ɛsɛ sɛ wuhu sɛ mewɔ tumi sɛ migyaa wo na mewɔ tumi nso sɛ mema wɔbɔ wo asennua mu!”
11 Yesu buaa no se,
12 Bere a Pilato tee asɛm a Yesu kae no, ɔhwehwɛɛ ɔkwan bi a ɔbɛfa so agyaa no. Nanso Yudafo no teɛteɛɛ mu se, “Sɛ wugyaa no a na wonyɛ Kaesare adamfo! Obiara a ɔyɛ ne ho ɔhene no tia Kaesare!”
13 Bere a Pilato tee asɛm a Yudafo no kae no, ɔde Yesu fii adi na ɔbɛtenaa nʼatemmu agua so wɔ faako a wɔfrɛ hɔ Abo Nsɛmee, (a Hebri kasa mu no, ɛyɛ “Gabata”). 14 Ade rebɛkye ama Twam Afahyɛ no adu so no, ɛbɛyɛ owigyinae no.
15 Dɔm no nso teɛteɛɛ mu bio se, “Fa no kɔ! Bɔ no asennua mu!”
16 Afei Pilato de Yesu maa Yudafo no sɛ wɔnkɔbɔ no asennua mu.
17 Enti wɔde Yesu a nʼasennua da ne kɔn ho no kɔɔ kurow no mfikyiri baabi a wɔfrɛ hɔ “Nitiri So”, a Hebri kasa mu ɛyɛ “Golgota”. 18 Ɛhɔ na wɔbɔɔ Yesu asennua mu. Wɔbɔɔ nnipa baanu bi nso asennua mu kaa ne ho. Na ɔbaako sɛn ne benkum so na ɔbaako nso sɛn ne nifa so a Yesu sɛn wɔn mfimfini.
19 Pilato kyerɛw se,
22 Pilato kae se, “Nea makyerɛw no, makyerɛw.”
23 Asraafo no bɔɔ Yesu asennua mu wiei no, wɔkyɛɛ ne ntade mu maa asraafo baanan no. Na saa atade no yɛ atade bi a wɔanwen fi ne soro kosi ne fam a enni mpamee.
24 Asraafo no nyinaa kae se, “Mommma yɛnntetew mu. Momma yɛmmɔ so ntonto na yenhu onipa a obenya.”
25 Nnipa a na wogyina Yesu asennua no ho pɛɛ no ne ne na, ne na nuabea, Maria a ɔyɛ Kleopa yere ne Maria Magdalene. 26 Yesu huu ne na ne osuani a ɔdɔ no no sɛ wogyina hɔ no, ɔka kyerɛɛ ne na se,
28 Saa bere no Yesu huu sɛ afei de, biribiara aba nʼawie, na sɛnea ɛbɛyɛ a Kyerɛwsɛm no bɛba mu no nti, ɔkae se,
31 Na da no yɛ ahosiesie da, na Yudafo mpanyimfo no mpɛ sɛ wɔma amu no sensɛn asennua no so kosi nʼadekyee a wobedi Twam Afahyɛ no. Enti wɔkɔka kyerɛɛ Pilato se wɔpɛ sɛ wobubu nnipa no anan sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayiyi wɔn amu no afi asennua no so. 32 Asraafo no kobubuu ɔbarima a odi kan a ɔka nnipa baanu a wɔbɔɔ wɔne Yesu asennua mu ho no anan; wowiei no, wokobubuu ɔbarima a ɔto so abien no nso anan[a]. 33 Nanso woduu Yesu so no wohuu sɛ ɔno de, na wawu dedaw enti wɔammu ne nan bi. 34 Asraafo no mu baako de ne peaw wɔɔ ne mfe maa mogyasufi fii ne mfe mu bae. 35 Onipa a ohuu nea esii no na wadi ho adanse. Nʼadanse no yɛ nokware, sɛnea ɛbɛyɛ a mo nso mubegye adi. 36 Eyinom nyinaa sii sɛnea ɛbɛyɛ a Kyerɛwsɛm a ɛka se, “Wɔremmu ne dompe bi” 37 ne “Nnipa bɛhwɛ nea wɔwɔɔ ne mfe mu peaw” no bɛba mu.
38 Eyi akyi no, Yosef a ofi Arimatea a esiane Yudafo ho hu nti, na ɔyɛ Yesu suani wɔ kokoa mu no kɔsrɛɛ Pilato sɛ ɔmma no kwan na onkoyi Yesu amu no. Pilato penee nʼadesrɛ no so. Ɛno nti okoyii Yesu amu no. 39 Nikodemo a da bi anadwo ɔkɔɔ Yesu nkyɛn no nso de kurobow ne aduhuam mfrafrae a emu duru bɛyɛ kilogram aduasa abiɛsa bae. 40 Wɔn baanu no de nwera ne aduhuam mfrafrae no kyekyeree Yesu amu no sɛnea Yudafo kwan a wɔfa so sie wɔn amu no te no. 41 Na ɔboda foforo bi a wonsiee obi wɔ mu da wɔ turo bi a ɛbɛn baabi a wɔbɔɔ Yesu asennua mu no. 42 Esiane sɛ na saa ɔboda no bɛn no nti, wosiee Yesu amu no wɔ hɔ.
<- Yohane 18Yohane 20 ->-
a Wokobubuu: wɔyɛ eyi, sɛnea ɛbɛyɛ a onipa a wɔabɔ no asennua mu no bewu ntɛm.