1 Yesu bɔɔ saa mpae yi wiei no, ɔne nʼasuafo no fii faako a wɔwɔ no kotwaa asu Kidron kɔɔ turo bi mu.
2 Esiane sɛ na Yesu ne nʼasuafo no taa kɔ hɔ no nti, na Yuda a oyii no mae no nim hɔ. 3 Asɔfo mpanyin ne Farisifo no somaa Yuda ne asraafo ne asɔredan mu awɛmfo a wokurakura akode ne akanea kɔɔ faako a wɔwɔ no.
4 Yesu a na onim nea ɛbɛba ne so nyinaa no kohyiaa wɔn bisaa wɔn se,
5 Wobuaa no se, “Yesu a ofi Nasaret no.”
7 Ɔsan bisaa wɔn bio se,
8 Yesu buaa wɔn se,
10 Saa bere no Petro a na okura afoa no twe de twaa ɔsɔfopanyin no asomfo no mu baako aso nifa. Saa akoa no din de Malko.
11 Yesu ka kyerɛɛ Petro se,
12 Asraafo no ne wɔn panyin ne asɔredan mu awɛmfo no kyeree Yesu, kyekyeree ne nsa, 13 de no dii kan kɔmaa Anas a na nʼase ne Kaiafa a saa bere no na ɔyɛ Ɔsɔfopanyin no. 14 Kaiafa na otuu Yudafo no fo se, eye sɛ onipa baako bewu ama ɔman no.
15 Simon Petro ne osuani baako dii Yesu akyi. Na osuani baako no yɛ obi a ɔsɔfopanyin no nim no yiye. Saa osuani no na onyaa kwan kɔɔ ɔsɔfopanyin no fi hɔ. 16 Petro de, ɔkaa ɔpon no akyi. Saa osuani a na onim ɔsɔfopanyin no yiye no san bae, ne abaawa a na ɔhwɛ ɔpon no ano no bɛkasa maa Petro nyaa kwan kɔɔ mu.
17 Abaawa a ogyina ɔpon ano no bisaa Petro se, “Wonyɛ saa onipa no asuafo no mu baako ana?”
18 Saa bere no na ɛyɛ awɔwbere, enti na asomfo no ne asraafo no asɔ gya a wɔreto. Petro nso kogyinaa hɔ too gya no bi.
19 Ɔsɔfopanyin no bisaa Yesu nsɛm faa nʼasuafo no ne ne nkyerɛkyerɛ ho.
20 Yesu buae se,
22 Yesu kaa saa no, awɛmfo no mu baako bɔɔ no sotɔre kae se, “Wo sɛɛ ne hena a wutumi kasa ɔsɔfopanyin anim saa?”
23 Yesu buaa no se,
25 Bere a Petro da so gyina hɔ reto gya no bi no, wɔn a na wogyina hɔ no mu bi bisaa no se, “Wo nso wonyɛ ɔbarima no asuafo no mu baako ana?”
26 Ɔsɔfopanyin no asomfo no mu baako a na ɔyɛ nea Petro twaa nʼaso no busuani no nso bisaa no se, “Ɛnyɛ wo na na wo ne no wɔ turo no mu hɔ no?” 27 Petro san san bio se, “Dabi.” Nʼano sii ara pɛ na akokɔ bɔnee.
28 Wɔde Yesu fii Kaiafa fi de no kɔɔ Pilato ahemfi. Saa bere no na ɛyɛ anɔpahema. Esiane sɛ na Yudafo no mpɛ sɛ fi ka wɔn na wɔatumi adi Twam Afahyɛ aduan no bi nti, wɔankɔ hɔ bi. 29 Pilato fii adi baa faako a na nnipa no wɔ no bebisaa wɔn se, “Bɔne bɛn na saa onipa yi ayɛ?”
30 Nnipa no buaa no se, “Sɛ ɔnyɛɛ bɔne biara a anka yɛamfa no amma wʼanim ha.”
31 Pilato ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo ara momfa no nkɔ na momfa mo mmara so nni nʼasɛm.”
33 Pilato san kɔɔ nʼahemfi hɔ kobisaa Yesu se, “Wone Yudafo hene no ana?”
34 Yesu nso bisaa no se,
35 Pilato buaa Yesu se, “Wususuw sɛ meyɛ Yudani ana? Wo ara wo nkurɔfo ne wɔn asɔfo mpanyin na wɔde wo brɛɛ me. Dɛn na woayɛ?”
36 Yesu buaa no se,
37 Pilato see no sɛ, “Ɛno de, na woyɛ ɔhene ana?”
38 Pilato bisaa no se, “Dɛn ne saa nokware no?” Afei Pilato fii adi kɔɔ Yudafo no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Minni asɛm biara a megyina so abu no fɔ. 39 Nanso sɛnea mo Twam Afahyɛ amanne te no, afe biara moma migyaa odeduani baako ma mo. Mopɛ sɛ migyaa Yudafo hene no ma mo ana?”
40 Yudafo no teɛteɛɛ mu se, “Dabi! Ɛnyɛ saa onipa yi. Gyaa Baraba ma yɛn!” Na saa Baraba yi yɛ ɔmammɔfo.
<- Yohane 17Yohane 19 ->