11 Sɛnea asɛmɛntɛ a osow nkesua a ɛnyɛ ɔno na ɔtowee no,
saa ara na onipa a onya sika a ɔmfa ɔkwan pa so no te.
Sɛ obu ne nkwa nna mu abien a wobegyaw no mu,
na awiei no, ne kwasea bɛda adi.
12 Anuonyam ahengua a wɔama so fi mfiase no,
ne yɛn kronkronbea.
13Awurade, woyɛ Israel anidaso,
wɔn a wɔpa wʼakyi nyinaa ani bewu.
Wɔn a wɔtwe wɔn ho fi wo ho no, wobesie wɔn
efisɛ wɔagyaw Awurade
a ɔyɛ nkwa asuti no.
14 Sa me yare Awurade, na me ho bɛtɔ me;
gye me na menya nkwa,
na wo ne ɔbaako a mekamfo wo.
15 Wobisa me daa sɛ,
“Ɛhe na Awurade asɛm no wɔ?
Ma ɛmmra mu mprempren!”
16 Minnguan mfii mʼadwuma sɛ wo guanhwɛfo ho;
wunim sɛ menhwehwɛɛ abasamtu da.
Nea efi mʼanom yɛ pefee wɔ wʼanim.
17 Nhunahuna me;
wo ne me guankɔbea wɔ amanehunu da.
18 Ma wɔn a wɔtaa me anim ngu ase,
na yi me fi ahohora mu.
Ma wɔmmɔ hu,
nanso mma me koma ntu.
Ma amanehunu da no mmra wɔn so;
fa ɔhawprenu sɛe wɔn.
Monyɛ Homeda No Kronkron
19 Sɛɛ na Awurade ka kyerɛɛ me, “Kɔ na kogyina nnipa no pon a Yuda ahemfo di hɔ ahyɛmfiri no; kogyina Yerusalem apon a aka no nso ano. 20 Ka kyerɛ wɔn se, ‘Muntie Awurade asɛm, mo Yuda ahemfo ne Yudafo nyinaa ne wɔn a wɔtete Yerusalem a wɔfa saa apon yi mu. 21 Sɛɛ na Awurade se: Monhwɛ yiye na moansoa nnesoa Homeda anaa moamfa amfa Yerusalem apon mu. 22 Monnsoa adesoa mfi mo afi mu na monnyɛ adwuma biara Homeda, na mmom monyɛ Homeda no kronkron, sɛnea mehyɛɛ mo agyanom no. 23 Nanso wɔantie na wɔammu; wɔyɛɛ asoɔden, wɔantie na wɔampɛ nteɛso. 24 Nanso sɛ mohwɛ yiye na moyɛ osetie ma me a, sɛɛ na Awurade se, na moamfa nnesoa amfa saa kuropɔn yi apon mu Homeda, na sɛ moyɛ Homeda no kronkron a monnyɛ adwuma biara a, 25 ɛno de ahemfo a wɔte Dawid ahengua so ne wɔn adwumayɛfo bɛfa saa apon yi mu. Wɔn nyinaa bɛba a wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so, a Yuda mmarima ne wɔn a wɔtete Yerusalem ka ho, na nnipa bɛtena kuropɔn yi mu daa nyinaa. 26 Nnipa befi Yuda nkurow ne nkuraa a atwa Yerusalem ho ahyia no aba, wobefi Benyamin asase ne atɔe fam nkoko so, wobefi mmepɔw, mantam ne Negeb aba a wɔde ɔhyew afɔrebɔde ne afɔrebɔ, aduan afɔrebɔde, nnuhuam ne aseda afɔrebɔde reba Awurade fi. 27 Nanso sɛ moanyɛ osetie amma me, anyɛ Homeda no kronkron, na sɛ mosoa adesoa biara fa Yerusalem apon mu Homeda a, ɛno de mɛsɔ ogya a ɛrennum da wɔ Yerusalem apon mu na abɛhyew nʼaban ahorow no.’ ”