1 Israelfo no yɛɛ nea ɛyɛ Awurade ani so bɔne bio. Ɛno nti, Awurade de wɔn hyɛɛ Midianfo[a] nsa mfe ason. 2 Esiane sɛ na Midianfo no yɛ atirimɔdenfo nti, Israelfo no guan kɔɔ mmepɔw so kɔpɛɛ hintabea wɔ abodan ne atu mu. 3 Bere biara a Israelfo duaa wɔn nnɔbae no, Midianfo, Amalekfo ne nnipa a wɔte apuei fam no kɔtow hyɛ wɔn so. 4 Wɔbɛyɛɛ atenae wɔ wɔn asase no so sɛe nnɔbae no fi Gasa a wɔannyaw Israelfo aduan biara. Wɔfaa nguan, anantwi ne mfurum. 5 Na atamfo dɔm yi de wɔn nyɛmmoa ne wɔn ntamadan foro ba te sɛ mmoadabi. Wɔtete yoma a wontumi nkan wɔn dodow so na wɔba. Na wɔtena asase no so kosi sɛ so nneɛma nyinaa bɛsa. 6 Enti Midianfo no maa ɔkɔm baa Israel. Afei Israelfo no su frɛɛ
7 Bere a Midianfo no nti, Israelfo su frɛɛ Awurade no, 8
11 Na Awurade bɔfo bɛtenaa odupɔn a esi Ofra a ɛyɛ Yoas a ofi Abieser abusua mu de no ase. Na Yoas babarima Gideon reporow awi wɔ nsakyiamoa ase sɛ ɔde resie Midianfo no. 12
13 Gideon buae se, “Owura, sɛ
14 Na
15 Gideon buae se, “Na Awurade, mɛyɛ dɛn agye Israelfo? Mʼabusua na ɛyɛ mmerɛw koraa wɔ Manase abusuakuw mu na me na misua koraa wɔ me fifo nyinaa mu.”
16
17 Gideon buae se, “Sɛ wobɛboa me ampa ara de a, yɛ nsɛnkyerɛnne bi ma minhu sɛ, nokware, ɛyɛ wo
19 Gideon yɛɛ ntɛm kɔɔ fie. Okosiesie abirekyi ba, too brodo asikresiam lita aduonu mmienu a mmɔkaw nni mu. Afei, ɔsoaa nam no wɔ kɛntɛn mu a nkwan no nso wɔ ɛsɛn bi mu de bae. Ɔde brɛɛ ɔbɔfo no wɔ odupɔn no ase.
20
22 Bere a Gideon huu sɛ ɛyɛ
23
25 Anadwo no,
27 Enti Gideon faa nʼasomfo du de wɔn yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ no no. Nanso ɔyɛɛ no anadwo, efisɛ na osuro nʼagya fifo ne kurow mma no. Na onim nea ebesi, sɛ wohu onipa a ɔyɛɛ saa ade no a.
28 Ade kyee anɔpahema a kurow no mu nnipa fitii ase nyanyanee no, obi huu sɛ wɔadwiriw Baal afɔremuka no agu, na Asera dua a esi ho no nso, wɔatwa akyene na wɔasi afɔremuka foforo asi anan mu. Na wohuu afɔrebɔde bi nkae wɔ so.
29 Ɔmanfo no bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Hena na ɔyɛɛ eyi?” Wobisabisae, too wɔn bo ase hwehwɛɛ mu no, wohuu sɛ Yoas babarima Gideon na ɔyɛɛ saa.
30 Ɔmanfo no teɛɛ mu guu Yoas so se, “Fa wo babarima no bra. Sɛe a ɔsɛee Baal afɔremuka ne twa a otwaa Asera dua no nti, ɛsɛ sɛ owu.”
31 Nanso Yoas teɛɛ mu guu nnipakuw no so se, “Adɛn nti na mugye Baal ti? Mubetumi aka nʼasɛm ama no ana? Obiara a obegye ne ti no, wobekum no ansa na ade akye. Sɛ Baal yɛ onyame bi ampa ara a ɔno ara nni mma ne ho na onkum nea odwiriwii nʼafɔremuka no!” 32 Efi saa bere no rekɔ no, wɔfrɛɛ Gideon Yerub-Baal a nkyerɛase ne “Baal nni mma ne ho,” efisɛ ɔno ara na odwiriwii Baal afɔremuka no gui.
33 Afei, Midianfo nyinaa, Amalekfo nyinaa ne nnipa a wofifi apuei fam no kaa wɔn ho bɔɔ mu tia Israel. Wotwaa Yordan, kɔbɔɔ atenae wɔ Yesreel bon mu. 34 Awurade honhom baa Gideon so na ɔbɔɔ torobɛnto de frɛɛ dɔm. Mmarima a wofi Abieser abusua mu no baa ne nkyɛn. 35 Ɔsomaa abɔfo kɔɔ Manase, Aser, Sebulon ne Naftali nyinaa mu kɔfrɛɛ wɔn asraafo, na wɔn nyinaa penee so.
36 Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn se, “Sɛ wonam me nsa so begye Israel sɛnea woahyɛ bɔ no a, 37 fa saa kwan yi so kyerɛ me, mede oguan nwi bɛkata awiporowbea hɔ anadwo yi. Sɛ obosu fɔw oguan nwi no, na sɛ ɛho amfɔw a, na mahu sɛ ampa ara, wonam me nsa so begye Israel sɛnea woahyɛ ho bɔ no.” 38 Na saa na ɛbae. Gideon sɔree adekyee kyii oguan nwi no, onyaa nsu ade ma.
39 Afei, Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn se, “Mma wo bo mfuw me. Ma mimmisa ade baako. Ma memfa oguan nwi no nsɔ biribi nhwɛ. Saa bere yi de, ma oguan nwi no nyɛ wosee na baabi a ɛda hɔ no nyinaa mfɔw.” 40 Anadwo no, Onyankopɔn yɛɛ sɛnea Gideon bisae no. Anɔpa no oguan nwi no yɛɛ wosee a na obosu afɔw fam hɔ nyinaa.
<- Atemmufo 5Atemmufo 7 ->-
a Midianfo yɛ Abraham ne Ketura asefo (1 Mose 25.2).