1 Afei, Israelfo nyinaa; fi Dan kosi Beer-Seba ne Gilead asase so behyiaa wɔ
4 Enti Lewini a ɔyɛ ɔbea a wokum no no kunu no kae se, “Me ne me mpena baa Gibea a ɛwɔ Benyamin asase so bɛdaa hɔ. 5 Anadwo no Gibea ntuanofo no mu bi betwaa ofi no ho hyiae, pɛɛ sɛ wokum me, na wɔtoo me mpena no mmonnaa ma owui. 6 Mefaa me mpena no twitwaa no asinasin de sin baako biara kɔɔ Israel mantam biara so. Efisɛ saa mmarima yi ayɛ atantanne ne aniwude wɔ Israel. 7 Enti mprempren, ɛsɛ sɛ Israelfo nyinaa fa adwene wɔ eyi ho.”
8 Nnipa no nyinaa sɔre buae se, “Yɛn mu biara rensan nkɔ fie. 9 Mmom, yɛbɛbɔ ntonto na yɛahu wɔn a wɔbɛkɔ akɔtow ahyɛ Gibea so. 10 Abusuakuw biara mu mmarima nkyɛmu du mu baako na wobeyi wɔn ama wɔama yɛn akofo no nnuan, na yɛn a yɛaka no nso atɔ Gibea so were wɔ animguasede a wɔayɛ wɔ Israel no.” 11 Enti Israelfo nyinaa ano kɔɔ bɛnkoro boaa wɔn ho ano sɛ wɔbɛkɔ akɔtow ahyɛ kurow no so.
12 Israelfo no somaa abɔfo kɔɔ Benyamin abusuakuw no mu kobisaa wɔn se, “Dɛn awurukasɛm na moadi wɔ mo mu yi? 13 Munyi saa amumɔyɛfo a wofi Gibea no mmra, na yenkum wɔn na yentu saa awurukasɛm yi ase mfi Israel.”
18 Ansa na wɔrebefi ɔko no ase no, Israelfo no kɔɔ Bet-El kobisaa Onyankopɔn se, “Abusuakuw bɛn na ɛsɛ sɛ wodi ɔko no anim tia Benyaminfo no?”
19 Enti Israelfo no sii mu anɔpahema kɔkyeree nsraban wɔ baabi a ɛbɛn Gibea. 20 Afei, wotu teɛe de wɔn ani kyerɛɛ Gibea sɛ wɔrekɔtow ahyɛ Benyamin mmarima no so. 21 Nanso Benyamin akofo a na wɔrebɔ kurow no ho ban no pue kunkum Israelfo no mpem aduonu abien wɔ akono hɔ da no ara.
22 Nanso Israelfo nyaa akokoduru boaa wɔn ho ano wɔ faako a wɔkoo da a edi anim no. 23 Na wɔakɔ Bet-El akosu wɔ
24 Enti wɔkɔko tiaa Benyamin akofo no, 25 na Benyamin mmarima no san kum Israelfo akofo a wonim afoa akodi yiye no mpem dunwɔtwe.
26 Ɛnna Israelfo no kɔɔ Bet-El kosuu wɔ
29 Enti Israelfo de atɛwfo twaa Gibea ho nyinaa hyiae. 30 Ne nnansa so no, wɔboaa wɔn ho ano wɔ beae koro hɔ ara. 31 Bere a Benyaminfo akofo pue bae wɔ ɔko so no, wɔtwee wɔn fii kurow no mu. Na sɛnea na wɔayɛ pɛn no, wofii ase kunkum Israelfo no. Ɛbɛyɛ Israelfo aduasa na wowuwuu wɔ akono petee mu hɔ a bi deda akwan a ɛkɔ Bet-El ne Gibea ho. 32 Afei Benyamin akofo no teɛɛ mu se, “Yɛredi wɔn so sɛnea yedii wɔn so wɔ ɔko a edi kan no mu no!” Na saa bere no na Israelfo no apene so dedaw sɛ wobeguan ama Benyamin mmarima no ataa wɔn wɔ akwan no so, na ama wɔatwe wɔn afi kurow no mu.
33 Bere a Israelfo nsraadɔm kɛse no duu Baal-Tamar no, wɔdan wɔn ho koe. Ɛhɔ na Israelfo a wɔatɛw wɔ Geba no puee prɛko pɛ fi wɔn ahintawee 34 kosii Benyaminfo no akyi tow hyɛɛ wɔn so. Ɔko no mu yɛɛ den ara kosii sɛ na Benyaminfo no ntumi nhu amanehunu a ɛbɛba. 35 Ɛno nti,
46 Enti Benyamin abusuakuw no hweree akofo akokodurufo mpemaduonu anum saa da no, 47 maa ɛkaa mmarima ahansia pɛ a woguan kɔɔ ɔbotan Rimon ho kɔtenaa hɔ asram anan no. 48 Afei Israelfo no san ba bekunkum abɔde biara a nkwa wɔ mu wɔ nkurow no nyinaa mu, efi nnipa so kosi anantwi ne biribiara so. Na kurow biara a woduu so no, wɔhyew no dwerɛbee.
<- Atemmufo 19Atemmufo 21 ->