1 Asɛm a yegyina so kasa no ne sɛ: Yɛwɔ Ɔsɔfopanyin a ɔte Otumfo a ɔwɔ ɔsoro no ahengua no nifa, 2 na ɔsom sɛ Ɔsɔfopanyin wɔ Kronkronbea a ɛyɛ nokware ntamadan a ɛnyɛ onipa biara na osii, sɛ Awurade no mu hɔ.
3 Woyi Ɔsɔfopanyin biara sɛ ɔmfa akyɛde ne mmoa mmɔ Onyankopɔn afɔre. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ yɛn Sɔfopanyin nya biribi a ɔde bɛbɔ afɔre. 4 Sɛ Yesu wɔ asase so a, anka ɔrenyɛ ɔsɔfo koraa efisɛ asɔfo wɔ hɔ a wɔde afɔrebɔde ma, sɛnea Yudafo mmara kyerɛ no. 5 Nanso dwuma a wodi sɛ asɔfo no yɛ ɔsoro nsusuwso bi kwa. Eyi nti na wɔbɔɔ Mose kɔkɔ bere a ɔpɛɛ sɛ osi ntamadan no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Si no sɛnea merekyerɛ wo wɔ bepɔw no so pɛpɛɛpɛ.” 6 Afei de, wɔama Yesu asɔfodwuma a ɛso kyɛn wɔn de no. Yesu yɛ apam a ɛkyɛn so a wogyina bɔhyɛ a ɛkyɛn so so hyɛe no ntamgyinafo.
7 Sɛ na apam a edi kan no ye a, anka ɛho nhia sɛ wɔbɛyɛ apam a ɛto so abien no. 8 Nanso Onyankopɔn huu mfomso wɔ ne nkurɔfo ho bere a ɔkae se,
13 Frɛ a wɔfrɛ saa apam yi “Foforo” no ama nea wɔyɛɛ kan no ayɛ dedaw; na biribiara a enyin yɛ dedaw no nkyɛ yera.
<- Hebrifo 7Hebrifo 9 ->