1 Me nuanom akronkronfo a Onyankopɔn afrɛ mo, munnwen Yesu a yegye no to mu sɛ Ɔsomafo no ho. 2 Na odii Onyankopɔn a oyii no sɛ ɔnyɛ saa adwuma yi no nokware sɛnea Mose nso dii nokware wɔ Onyankopɔn fi no. 3 Wɔahu sɛ Yesu fata anuonyam sen Mose, sɛnea onipa a osi ofi nya anuonyam sen ofi no ankasa no. 4 Ofi biara obi na osii. Na Onyankopɔn nso na wabɔ nneɛma nyinaa. 5 Mose dii Onyankopɔn nokware sɛ ɔsomfo wɔ ne fi na ɔkaa nsɛm a Onyankopɔn bɛka daakye no nyinaa. 6 Nanso Kristo de, odi nokware sɛ Ɔba a ɔhwɛ Onyankopɔn fi so. Sɛ yɛma yɛn bo yɛ duru na yɛwɔ gyidi wɔ yɛn anidaso mu a, na yɛyɛ ne fi no.[a]
7 Enti Honhom Kronkron no ka se,
12 Me nuanom, monhwɛ yiye na mo mu bi annya koma bɔne a ɔrennye Onyankopɔn nni a ɛbɛma watwe ne ho afi Onyankopɔn teasefo no ho. 13 Na mmom sɛnea ɛbɛyɛ a bɔne rennaadaa mo mu ebinom na wɔnyɛ asoɔden nti, da biara mommoaboa mo ho mo ho wɔ mmere dodow a asɛm “Nnɛ” a ɛwɔ Kyerɛwsɛm mu no fa yɛn ho no. 14 Na sɛ yeso gyidi a yɛwɔ no mu dennen sɛnea yɛde fi mfiase no a na yɛwɔ kyɛfa wɔ Kristo mu. 15 Kyerɛwsɛm no ka se,
16 Ɛhefo na wɔtee Onyankopɔn nne na wɔsɔre tiaa no no? Nnipa a Mose dii wɔn anim fi Misraim no nyinaa. 17 Ɛhefo na Onyankopɔn bo fuw wɔn mfirihyia aduanan no? Nnipa a wɔyɛɛ bɔne na wɔtetew hwe wuwuu wɔ sare so no. 18 Bere a Onyankopɔn kaa ntam se, “Wɔremma me home mu da” no, na ɔreka akyerɛ ɛhefo? Na ɔreka akyerɛ wɔn a wɔyɛɛ asoɔden no. 19 Afei, yehu sɛ wɔantumi ankɔ ɔhome no mu, efisɛ wɔannye anni.
<- Hebrifo 2Hebrifo 4 ->-
a Ofi no yɛ Onyankopɔn nnipa fifo. (Efe 2.19; 1 Pe 2.5)