1 Na Abraham anyin a ne mfe akɔ anim yiye.
5 Ɔsomfo no bisaa Abraham se, “Me wura, na sɛ ɛba sɛ ɔbea no ampene so sɛ ɔne me bɛba ɔman yi mu a, na mereyɛ no dɛn? Memfa wo babarima no nkɔ wo man no mu ana?”
6 Abraham kae se, “Hwɛ yiye na woamfa me babarima no ankɔ hɔ da. 7
10 Na, ɔsomfo no faa ne wura yoma no mu du kɔe. Ɔrebɛkɔ no, ogyee ne wura Abraham nkyɛn nnepa ahorow bebree kaa ho. Ɔde nʼani kyerɛɛ Mesopotamia, koduu Nahor kurow mu. 11 Oduu Nahor kurotia no, ɔmaa yoma no butubutuw abura bi a ɛwɔ hɔ no ho. Na onwini adwo a ɛyɛ bere a mmea bɛtow nsu wɔ abura no mu.
12 Na ɔsomfo no bɔɔ mpae se, “
15 Ogu so rebɔ mpae no na Rebeka bae a ne sukuruwa si ne bati so. Saa Rebeka no yɛ Betuel ba. Betuel no nso yɛ Abraham nuabarima Nahor ne ne yere Milka babarima. 16 Na Rebeka no yɛ ɔbabun a ne ho yɛ fɛ yiye. Na ɔbarima biara mfaa ne ho nkaa no da. Osian kɔɔ abura no so, kɔhyɛɛ ne sukuruwa no nsu ma, san bae.
17 Ɔsomfo no de ahoɔhare kohyiaa Rebeka, ka kyerɛɛ no se, “Mesrɛ wo, hwie wo sukuruwa no mu nsu no kakra ma mennom.”
18 Ntɛm ara, ɔsoɛɛ ne sukuruwa no kae se, “Me wura, gye bi nom.”
19 Rebeka maa ɔsomfo no nsu no bi nom wiee no, ɔkae se, “Mɛsan akɔsaw nsu no bi abrɛ wo yoma no nyinaa nso anom.” 20 Enti Rebeka de ahoɔhare hwiee ne nsu no guu anomee bi mu, san kɔsaw nsu a ɛbɛso yoma no nyinaa nom de bae. 21 Ɔsomfo no hwɛɛ Rebeka komm, karii no pɛɛ sɛ ohu sɛ
22 Yoma no nom nsu no wiee no, ɔsomfo no yii sikakɔkɔɔ hwenemkaa a emu duru kari gram asia ne nkapo abien a ɛno nso mu duru yɛ gram ɔha dunan. 23 Na obisae se, “Hena ba ne wo? Mesrɛ wo, yebenya nnabea wɔ wʼagya fi ama ade akye ana?”
24 Rebeka buaa no se, “Betuel babea ne me. Me nananom ne Milka ne Nahor.” 25 Ɔka kaa ho se, “Yɛwɔ sare ne mmoa aduan bebree ne baabi a mo nso mobɛda.”
26 Na ɔsomfo no buu nkotodwe, sɔree Awurade Nyankopɔn se, 27 “Nhyira nka
28 Rebeka tuu mmirika kɔkaa nsɛm a asisi no nyinaa kyerɛɛ ne na fifo. 29 Na Rebeka wɔ nuabarima bi a ne din de Laban. Laban tee asɛm no, ɔde ahoɔhare kɔɔ ɔbarima no nkyɛn wɔ abura no so. 30 Laban huu hwenemkaa no ne nkapo a egu ne nuabea no nsa no, na ɔtee asɛm a ɔbarima no ka kyerɛɛ Rebeka no, ɔkɔɔ ɔbarima no nkyɛn kohuu sɛ ogyina yoma no ho wɔ asubura no so. 31 Laban ka kyerɛɛ ɔsomfo no se, “Bra, wo a
32 Enti ɔsomfo no kɔɔ fie hɔ maa Laban yiyii nneɛma a ɛwɔ yoma no so no. Wɔmaa yoma no sare ne aduan, afei Laban maa ɔsomfo no ne nnipa a wɔka ne ho no nsu de hohoroo wɔn anan ho. 33 Eyi akyi no, ɔtoo wɔn pon. Nanso ɔsomfo no kae se, “Merempɛ sɛ medidi, gye sɛ mabɔ mʼamanneɛ.”
34 Enti ɔsomfo no bɔɔ nʼamanneɛ se, “Meyɛ Abraham somfo. 35
39 “Na mibisaa me wura se, ‘Na sɛ ɛba sɛ, ɔbea no ampene so sɛ ɔne me bɛba ɔman yi mu a, na mereyɛ no dɛn?’
40 “Me wura Abraham buae se, ‘
42 “Mebaa asubura no so nnɛ no, mesrɛe sɛ, ‘
45 “Ansa na mewie me koma mu mpaebɔ no, Rebeka puee a sukuruwa si ne bati so. Rebeka kɔɔ abura no so, kɔtow nsu, na meka kyerɛɛ no se, ‘Mesrɛ wo, ma me nsu no bi nnom.’
46 “Ntɛm ara, ɔsoɛɛ ne sukuruwa no kae se, ‘Me wura, gye bi nom na mɛsan asaw nsu no bi abrɛ wo yoma no nyinaa nso anom.’ Enti menom nsu no bi, na ɔmaa yoma no nyinaa nso bi nomee.
47 “Mibisaa no se, ‘Hena ba ne wo?’
50 Laban ne Betuel buae se, “Saa asɛm yi fi
52 Bere a Abraham somfo no tee nea wɔkae no, obuu nkotodwe wɔ
55 Nanso Rebeka nuabarima no ne ne na buaa ɔsomfo no se, “Ma ababaa no ntena yɛn nkyɛn bɛyɛ sɛ nnafua du bi, na ɛno akyi, wode no akɔ.”
56 Akoa no buaa wɔn se, “
57 Afei, wosii gyinae sɛ, “Momma yɛmfrɛ ababaa no, na yemmisa nʼadwene.” 58 Enti wɔfrɛɛ Rebeka bisaa no se, “Wopɛ sɛ wo ne saa ɔbarima yi kɔ ana?”
59 Enti wogyaa Rebeka ne ɔbea a ogyigyee no ne mmofraase no ne Abraham somfo no ne ne nkurɔfo kwan. 60 Wohyiraa Rebeka se,
61 Na Rebeka ne ne mmaawa siesiee wɔn ho, tenatenaa wɔn yoma so ne Abraham somfo no kɔe. Eyi ne ɔkwan a Abraham somfo no faa so de Rebeka kɔe.
62 Saa bere no na Isak a na anka ɔte Negeb no fi hɔ abɛtena Beer-Lahai-Roi. 63 Da koro anwummere bi a Isak kotuu mpase wɔ sare so refa adwene no, ɔtoo nʼani huu sɛ yoma sa so reba. 64 Rebeka nso too nʼani, na ohuu Isak. Rebeka si fii ne yoma no so, 65 bisaa Abraham somfo no se, “Ɔbarima bɛn na ɔnam sare yi so rebehyia yɛn yi?”
66 Abraham somfo no bɔɔ Isak nsɛm a asisi no nyinaa ho amanneɛ. 67 Isak de Rebeka kɔɔ ne na Sara ntamadan mu. Na ɔwaree no ma ɔbɛyɛɛ ne yere. Na ɔdɔ no yiye. Eyi maa Isak werɛ kyekyee wɔ ne na Sara wu akyi.
<- 1 Mose (Gyenesis) 231 Mose (Gyenesis) 25 ->