1 Abram tu fii Misraim. Ɔno, ne yere, Lot, nʼagyapade ne ne fifo nyinaa baa Negeb. 2 Saa bere no na Abram anya ne ho a ɔwɔ nyɛmmoa, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ pii.
3 Ofii Negeb hɔ no, odii atutena ara koduu Bet-El, faako a odii kan sii ne ntamadan a ɛwɔ Bet-El ne Ai ntam no. 4 Ɛhɔ na kan no osii nʼafɔremuka. Ɛhɔ nso na ɔkɔɔ so som
5 Na Lot a ɔne Abram nam no nso yɛ ɔdefo a ɔwɔ nguan, anantwi ne asomfo bebree. 6 Esiane sɛ saa bere no na Abram ne Lot nyinaa anya wɔn ho, na wɔwɔ nguan, anantwi ne asomfo pii nti, na wɔnsen asase no so. 7 Na akasakasa taa baa Abram mmoahwɛfo ne Lot mmoahwɛfo no ntam. Saa bere no na Kanaanfo ne Perisifo nso tete asase no so.
8 Enti Abram ka kyerɛɛ Lot se, “Mesrɛ wo, mma akasakasa mma me ne wo anaa me mmoahwɛfo ne wo mmoahwɛfo ntam, efisɛ yɛyɛ anuanom. 9 Ɛnyɛ asase no nyinaa na ɛda wʼanim yi? Ma yenni mpaapaemu. Sɛ wokɔ benkum a, mɛkɔ nifa, na sɛ wokɔ nifa nso a, mɛkɔ benkum.”
10 Lot hwɛɛ ne ho hyiae, huu sɛ asase a ɛda Yordan ho no yɛ asasebere. Na nsu wɔ mu baabiara te sɛ Eden turo mu anaasɛ Misraim asase a ɛda Soar fam hɔ no ara pɛ. Saa bere no, na
14 Lot tew ne ho fii Abram ho akyi no,
18 Enti Abram tutuu ne ntamadan bɛtenaa odum kwae bi a ɛyɛ Mamrɛ de wɔ Hebron no. Ɛhɔ na osii afɔremuka maa