1 Afe a ɛto so asia mu, asram asia no da a ɛto so anum a na mete me fi, na Yuda mpanyimfo tete mʼanim no, Otumfo
5 Afei ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, hwɛ atifi fam hɔ.” Na mehwɛe, na mihuu saa ninkutwe farebae honi yi wɔ ɔpon a ɛwɔ afɔremuka no atifi fam no mu.
6 Ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, wuhu nea wɔreyɛ yi, akyiwade a ɛmfra, a Israelfi reyɛ wɔ ha yi, nneɛma a ɛbɛpam me afi me kronkronbea akɔ akyirikyiri yi? Nanso wubehu nneɛma a ɛsen akyiwade yi koraa.”
7 Afei ɔde me baa adiwo hɔ pon no ano. Mehwɛe, na mihuu tokuru wɔ ɔfasu no mu. 8 Ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, tu ɔfasu no mu tokuru.” Enti mituu ɔfasu no mu tokuru, na mihuu ɔpon ano kwan bi wɔ hɔ.
9 Ɔka kyerɛɛ me se, “Kɔ mu na kɔhwɛ atirimɔdensɛm ne akyiwade a wɔreyɛ wɔ ha.” 10 Enti mekɔɔ mu kɔhwɛe, na mihuu afasu a wɔayɛ mmoa a wɔwea ahorow nyinaa ne mmoa a wɔyɛ akyiwade ne Israelfi ahoni ahorow nyinaa mfoni wɔ ho nyinaa. 11 Wɔn anim na na Israelfo mpanyimfo aduɔson gyinagyina a na Safan babarima Yaasania gyina wɔn mu. Na wɔn mu biara kura nkankyee ntrantraa a aduhuam wusiw huamhuam fi so rekɔ soro. 12 Obisaa me se, “Onipa ba woahu nea Israelfo mpanyimfo no mu biara reyɛ wɔ nʼankasa honi abosonnan mu wɔ sum mu ana? Wɔka se, ‘
14 Afei ɔde me baa
16 Afei ɔde me baa
17 Obisaa me se, “Woahu eyi, onipa ba? Akyiwade a Yudafi reyɛ wɔ ha yi yɛ adewa ana? So ɛsɛ sɛ wɔde akakabensɛm hyɛ asase no so ma na wɔkɔ so hyɛ me abufuw ana? Hwɛ wɔabu me animtiaa agu mʼanim ase! 18 Ɛno nti, me ne wɔn bedi no abufuw so. Merenhu wɔn mmɔbɔ na meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn. Ɛwɔ mu sɛ, wɔteɛ mu tuatua mʼaso de, nanso merentie wɔn.”
<- Hesekiel 7Hesekiel 9 ->