1
6 “ ‘Mibepuee wo so, na mihuu sɛ worewɔ wʼanan na woda mogya mu, na sɛnea na woda hɔ no, meka kyerɛɛ wo se, “Nya nkwa!” 7 Mehwɛɛ wo ma wunyinii sɛ afifide. Wunyinii, na woyɛɛ nsiforo kɔɔ afikyiri. Wo nufu bobɔe, na wo ho fuw nwi, nanso na woda adagyaw.
8 “ ‘Akyiri yi mibepuee wo so, na mehwɛɛ wo na mihuu sɛ woaso aware no, mede mʼatade fa bi kataa wʼadagyaw so. Misua kyerɛɛ wo na me ne wo yɛɛ apam na wobɛyɛɛ me dea, Otumfo
9 “ ‘Mede nsu guaree wo, na mehohoroo wo ho mogya na mede srade ahorow srasraa wo. 10 Mede atade a wɔanwen ano hyɛɛ wo, na mehyɛɛ wo mmoa were mpaboa. Mede nwera papa furaa wo na mede ntade aboɔden guguu so. 11 Mede agude siesiee wo, mede nkapo guu wo nsa, mede kɔnmuade too wo kɔn mu, 12 na mede kaa hyɛɛ wo hwene mu, asokaa hyɛɛ wʼasom na mebɔɔ wo abotiri a ɛyɛ fɛ. 13 Enti wɔde sikakɔkɔɔ ne dwetɛ siesiee wo, wʼadurade yɛɛ nwera papa ne ntama a ne bo yɛ den ne nea wɔadi mu adwinni. Wʼaduan yɛɛ esiam papa, ɛwo ne ngo. Wo ho yɛɛ fɛ na wobɛyɛɛ ɔhemmea. 14 Na wʼahoɔfɛ nti, wo din hyetaa wɔ amanaman mu, efisɛ anuonyam a mahyɛ wo no ma wʼahoɔfɛ no di mu,
15 “ ‘Nanso wʼahoɔfɛ nti wugyee wo ho dii na wode wo din a ahyeta no bɔɔ aguaman. Wugyaa wo ho maa obiara a ɔretwa mu na woyɛɛ wɔn adɔe. 16 Wode wo ntade no bi kɔyɛɛ sorɔnsorɔmmea hɔ hyirenn; hɔ na wokɔbɔɔ aguaman. Ɛnsɛ sɛ nneɛma a ɛtete sɛɛ sisi koraa, na ɛnsɛ sɛ ɛba nso. 17 Afei wode wo nnwinne fɛfɛ a mede maa wo no, nea mede sikakɔkɔɔ ne dwetɛ yɛe no yɛɛ ahoni maa wo ho na wo ne wɔn bɔɔ aguaman. 18 Wode wo ntade a wɔadi mu adwinni hyehyɛɛ wɔn na wode me ngo ne nnuhuam brɛɛ wɔn. 19 Bio aduan a mede maa wo no, esiam papa, ɛwo ne ngo a mede maa wo sɛ di no, wode brɛɛ wɔn sɛ afɔrebɔde a eyi hua. Saa na esii, Otumfo
20 “ ‘Wofaa wo mmabarima ne wo mmabea, a me ne wo woo wɔn no kɔbɔɔ afɔre sɛ aduan maa ahoni. Wʼaguamammɔ no nnɔɔso ana? 21 Wukum me mma de wɔn bɔɔ afɔre maa ahoni no. 22 Akyiwade a woyɛɛ ne wʼaguamammɔ akyi no, woankae wo mmabun bere a na wo ho da hɔ na worewɔ wʼanan wɔ mogya mu no.
23 “ ‘Nnome! Nnome nka wo, Otumfo
30 “ ‘Wunni ahohyɛso koraa, Otumfo
32 “ ‘Wo, ɔyere waresɛefo, wopɛ ahɔho sen wo ara wo kunu! 33 Oguamanfo biara gye akatua, nanso wo de, wode nneɛma kyekyɛ wʼadɔfo nyinaa de hyɛ wɔn afono mu sɛ, womfi baabiara mmra wo nkyɛn. 34 Enti wʼaguamammɔ mu no wo nte sɛ afoforo; obiara mma wo hɔ sɛ yɛ no adɔe. Wo ne wɔn bɔ abira koraa, efisɛ wutua ka na obiara mma wo hwee.
35 “ ‘Enti, wo oguamanfo, tie
43 “ ‘Sɛ woankae wo mmabun nna, na wode eyinom nyinaa hyɛɛ me abufuw nti, ɔkwan biara so mɛma nea woayɛ no abɔ wo ti so, Otumfo
44 “ ‘Obiara a obu bɛ no bebu saa bɛ yi afa wo ho: “Sɛnea ɛna te no saa ara na ne babea te.” 45 Woyɛ wo na a ɔsopaa ne kunu ne ne mma no babea kann, na woyɛ wo nuanom mmea a wɔsopaa wɔn kununom ne wɔn mma no nuabea ankasa. Wo na yɛ Hetini na wʼagya yɛ Amorini. 46 Na wo nuabea panyin ne Samaria a na ɔne ne mmabea te wʼatifi fam, na wo nuabea kumaa a ɔne ne mmabea te wʼanafo fam, yɛ Sodom. 47 Woannantew wɔn akwan mu, ansua wɔn akyiwadeyɛ nko, na mmom, akwan nyinaa mu, wobɛyɛɛ porɔwee sen wɔn. 48 Sɛ mete ase yi, Otumfo
49 “ ‘Eyi ne bɔne a wo nuabea Sodom yɛe: Ɔno ne ne mmabea yɛɛ ahantan, wodidi traa so na hwee amfa wɔn ho, wɔammoa ahiafo ne mmɔborɔfo. 50 Wɔyɛɛ ahomaso ne akyiwade wɔ mʼanim. Ɛno nti miyii wɔn sii nkyɛn sɛnea woahu no. 51 Samaria anyɛ bɔne a woyɛɛ no mu fa. Woayɛ akyiwade a ɛboro nea wo nuabeanom no yɛe no so koraa, na woama ayɛ sɛ wo nuabeanom no te, esiane saa nneɛma a woayɛ no nti. 52 Gye wʼanimguase, efisɛ woama wo nuabeanom adi bem. Wo bɔne mu yɛ duru sen wɔn de, enti ayɛ sɛ wɔteɛ sen wo. Ɛno de, afei gye wʼanimguase na wama ayɛ sɛ wo nuabeanom te.
53 “ ‘Nanso mede Sodom siade ne ne mmabea, Samaria siade ne ne mmabea bɛma wɔn, na mede wo siade bɛka ho, 54 sɛnea ɛbɛyɛ a wubegye wʼanimguase na wʼani bewu wɔ nea woayɛ de ama wɔn ahotɔ nyinaa ho. 55 Na wo nuabeanom Sodom ne ne mmabea, Samaria ne ne mmabea bɛsan akɔ wɔn tebea dedaw mu, na wo ne wo mmabea nso bɛsan akɔ mo dedaw mu. 56 Woremmɔ wo nuabea Sodom din wɔ wʼahohoahoa da no mpo, 57 kosi sɛ wʼamumɔyɛ ho daa hɔ. Ebesi nnɛ Edom mmabea bɔ wo ahohora, wɔne wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia ne Filistifo mmabea; wɔn a wɔatwa wo ho ahyia a wɔbɔ wo ahohora nyinaa. 58 Nea ebefi nneɛma fi a woyɛ ne wʼakyiwade mu aba no bɛda wo so,
59 “ ‘Sɛɛ na Otumfo