5 Sɛ ɔbarima aware foforo a, ɛnsɛ sɛ wɔde no kɔ ɔko anaasɛ wɔde dwuma bi di to no so. Ɛsɛ sɛ ɔtena fie afe a ɔnyɛ adwuma biara sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔbɛma ne yere foforo a waware no no anya ahotɔ.
6 Monnnye adeyam bo ne ne boba anaa ne ba no nko ara nsi ka ano, ɛba saa a na moagye ne wura no ano aduan sɛ akagyinamde.
7 Sɛ obi kyere ne yɔnko Israelni na odi no nya sɛ ɔdɔnkɔ anaa ɔtɔn no a, ɛsɛ sɛ owifo no wu. Ɛsɛ sɛ mutu bɔne ase fi mo mu.
8 Monhwɛ ɔhonam ani nsanyare nyinaa yiye na munni ho mmara a Lewifo asɔfo bɛkyerɛ mo no so. Munni ahyɛde a mede ama wɔn no so pɛpɛɛpɛ. 9 Monkae nea bere a mufi Misraim reba no
10 Sɛ wode biribi fɛm wo yɔnko a, nkɔ wo yɔnko fi nkogye akagyinamde. 11 Gyina afikyiri na ma ɔyɔnko a ɔfɛm wʼade no mfa akagyinamde no mmrɛ wo. 12 Sɛ ɔyɔnko no yɛ ohiani a, nkora akagyinamde no nkosi adekyee. 13 Enkosi owiatɔbere no na wode ntama no akɔma wo yɔnko no na ɔde ada. Na ɔbɛda wo ase, na wɔbɛfa no sɛ ade trenee wɔ
14 Nhyɛ ɔpaani mmɔborɔni a ɔyɛ wo nua Israelni anaa ɔhɔho a ɔte mo nkurow no mu bi mu no so. 15 Tua nʼapaade ma no da biara ansa na owia akɔtɔ, efisɛ ɔyɛ ohiani na nʼani da saa akatua no so. Anyɛ saa a, obesu afrɛ
16 Ɛnsɛ sɛ wokum awofo wɔ wɔn mma bɔne bi a wɔayɛ ho. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ wokum mma wɔ awofo bɔne bi a wɔayɛ ho. Ɛsɛ sɛ obiara wu wɔ nʼankasa bɔne ho.
17 Ɛnsɛ sɛ mubu ahɔho a wɔte mo mu ne nyisaa ntɛnkyew, anaasɛ mugye ɔbea kunafo ntama de di akagyinamu. 18 Daa monkae sɛ, na mo nso moyɛ nkoa wɔ Misraim na
19 Sɛ moretwa mo mfuw mu nnɔbae, na mo ani pa nnɔbae no bi so a, monnsan nkɔfa. Monnyaw ma ahɔho, nyisaa ne akunafo sɛnea ɛbɛyɛ a