1 Bere a Dawid di hene no, ɔkɔm baa asase no so mfe abiɛsa, enti Dawid bisaa
2 Enti ɔhene Dawid frɛɛ Gibeonfo no nyinaa. Na wɔnka Israelfo no ho, na mmom, wɔyɛ Amorifo[a] nkaefo bi. Israel kaa ntam se, wɔrenkum wɔn, nanso esiane Saulo ahopere nti, ɔpɛɛ sɛ ɔtɔre wɔn ase. 3 Dawid bisaa Gibeonfo no se, “Dɛn na metumi ayɛ de apata mo? Monka, sɛnea ɛbɛyɛ a
4 Gibeonfo no buae se, “Anokwa, sika rentumi, na yɛmpɛ nso sɛ wobekunkum Israelfo aweretɔ wɔ so.”
5 Na wobuae se, “Ɛyɛ Saulo na ɔdwenee ho sɛ ɔbɛsɛe yɛn, sɛnea yɛrennya afa biara wɔ Israel. 6 Enti wonyi Saulo mmabarima anaa ne nananom mmarima baason mma yɛn, na yebekum wɔn wɔ
7 Dawid gyaee Yonatan babarima Mefiboset a na ɔyɛ Saulo nena no, esiane ntam a na Dawid ne Yonatan aka wɔ
10 Rispa a ɔyɛ mmarima no mu baanu mama no de atweaatam sɛw ɔbotan bi so, tenaa hɔ otwabere no nyinaa mu. Wamma nnomaa ammɛsosɔw wɔn amu no awia, na anadwo nso, osiw nkekaboa ho kwan. 11 Bere a Dawid tee nea Rispa a na ɔyɛ Saulo mpena no ayɛ no, 12 ɔkɔɔ nkurɔfo a wofi Yabes Gilead nkyɛn, kobisaa wɔn Saulo ne ne babarima Yonatan nnompe ase. (Bere a Saulo ne Yonatan totɔɔ ɔko a wɔne Filistifo koe no ano no, Yabes Gileadfo na wɔkɔtasee wɔn amu wɔ Filistifo kurow Bet-San abɔnten so.) 13 Enti Dawid de Saulo ne Yonatan nnompe bae. Saa ara na ɔde mmarima a Gibeonfo kunkum wɔn no nso nnompe bae.
14 Osiee wɔn nyinaa wɔ Saulo agya Kis ɔboda a ɛwɔ kurow Sela a ɛwɔ Benyamin asase so no mu. Ɛno akyi, Onyankopɔn twaa ɔkɔm no so wɔ Israel asase so.
15 Bio, Filistifo ne Israel koe. Na bere a ɔko no duu ne mpɔmpɔnso no, Dawid brɛe. 16 Na Yisbi-Benob yɛ abran no asefo mu baako. Na ne peaw mu duru kari boro kilogram abiɛsa ne fa, a wɔde afoa foforo ahyehyɛ ne ho. Na waka Dawid ahyɛ a anka ɔrebekum no. 17 Nanso Seruia babarima Abisai begyee Dawid, na okum Filistini no. Ɛno akyi, Dawid mmarima no kaa ntam se, “Wo ne yɛn renkɔ ɔko bio na amma Israel kanea annum no.”
18 Eyi akyi, ɔko foforo ba de tiaa Filistifo no wɔ Gob. Wogu so reko no, Sibekai[b] a ofi Husan, kum Saf a na ɔno nso yɛ abran no asefo no bi.
19 Ɔko foforo bi a wɔkoo wɔ Gob no nso, Yair babarima Elhanan a ofi Betlehem kum Gatni Goliat nuabarima bi. Na ne peaw mu duru te sɛ ntamanwemfo abaa. 20 Ɔko bi a esii bio wɔ Gat nso, ɔbarima bran bi a na ɔyɛ nsansia ne nansia a ɔyɛ abran no aseni no 21 pɛɛ sɛ obu fa Israel so, gu nʼanim ase. Ɔno nso, Dawid nuabarima Simei babarima Yonatan na okum no.
22 Saa Filistifo abran baanan yi yɛ Gat abran no asefo. Na Dawid ne nʼakofo na wokunkum wɔn nyinaa.
<- 2 Samuel 202 Samuel 22 ->